Dwom 64:1-10

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 64  O Onyankopɔn, tie me nne, me dadwen mu.+Bɔ me nkwa ho ban, ɔtamfo ho hu nti.+   Fa me hintaw fi nnebɔneyɛfo atirimsɛm ho,+Ne amumɔyɛfo sakasakayɛ mu;+   Wɔn na wɔasew wɔn tɛkrɛma sɛ nkrante,+Na wɔatwe wɔn agyan, wɔn nsɛm yayaw no mu,+   Sɛ́ wobefi ahintawee mu atow awɔ nea ne ho nni asɛm.+Wɔtow wɔ no mpofirim a wonsuro.+   Kasafĩ nko ara na wɔka;+Wɔkeka sɛ wobesum mfiri asie.+Wɔka sɛ: “Hena na obehu?”+   Adebɔne ara na wɔhwehwɛ;+Wosum nyansafiri sie,+Na obi nhu wɔn mu biara tirim asɛm ne nea ɛwɔ ne koma mu.+   Nanso Onyankopɔn de agyan bɛwɔ wɔn mpofirim.+Ebepirapira wɔn,+   Wɔma nkurɔfo hwe ase.+Nanso wɔn ankasa anom asɛm tia wɔn.+Obiara a ohu wɔn no bɛwosow ne ti,+   Na adesamma nyinaa besuro;+Wɔbɛka Onyankopɔn nnwuma ho asɛm,+ Na wɔbɛte ne nnwuma ase.+ 10  Ɔtreneeni bedi ahurusi Yehowa mu, na ɔde no ayɛ guankɔbea;+Koma mu teefo nyinaa bɛhoahoa wɔn ho.+

Ase Hɔ Nsɛm