Dwom 65:1-13

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Ayeyi dwom. 65  O Onyankopɔn a wowɔ Sion,+ wo na ayeyi ne kommyɛ yɛ wo dea;Wo na wobetua bɔhyɛ ade ama wo.+   O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.+   Mfomso aboro me so.+Yɛn mmarato de, wo na wobɛkata so.+   Anigye ne onipa a wopaw no na woma ɔbɛn wo,+Sɛ ɔmmɛtena wo fie adiwo.+ Ɔmee na wo fie nnepa bɛmee yɛn,+W’asɔrefie kronkronbea hɔ.+   Wonam trenee nneɛma a ɛyɛ hu so begye yɛn so,+O yɛn nkwagye Nyankopɔn,+Wo a woyɛ asase ano ne wɔn a wɔwɔ po so akyirikyiri Ahotoso.+   Ɔde n’ahoɔden ma mmepɔw tintim hɔ;+Tumi bɔ n’asen.+   Ɔma ɛpo tɛm dinn,+Na asorɔkye nnyigyei ne amanaman gyegyeegye nso gyae.+   Wɔn a wɔtete akyirikyiri besuro wo nsɛnkyerɛnne;+Woma anɔpa ne anwummere to ahurusi dwom.+   Woadan w’ani abɛhwɛ asase, na woama no nnepa bebree;+Woma ɛdɔre pii.Asuten a efi Onyankopɔn hɔ no mu nsu dɔɔso.+ Wo na wusiesie asase so aduan;+Saa na wusiesie asase no.+ 10  Nsu ayeyɛ n’aka amã, woasiesie n’akofi so;+Wode obosu pii fɔw no; wuhyira n’afifide so.+ 11  Wode wo papayɛ abɔ afe no abotiri,+W’akwan so na srade sosɔ.+ 12  Nnepa sosɔ mmoa adidibea a ɛwɔ sare so,+Na nkoko de ahurusidi bɔ wɔn asen.+ 13  Nguankuw ayɛ adidibea mã,+Asasetaw nyinaa, nnɔbae akata so.+Wɔbɔ ose, wɔto dwom.+

Ase Hɔ Nsɛm