Dwom 68:1-35

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Ayeyi dwom. 68  Ma Onyankopɔn nsɔre ɛ,+ na n’atamfo mmɔ nhwete,+Na ne nti wɔn a wokyi no kɔkɔkɔkɔ no nguan.+   Sɛnea wusiw twam kɔ no, pam wɔn saa ara;+Sɛnea ogya nan srade no,+Ma nnebɔneyɛfo nyera mfi Onyankopɔn anim.+   Treneefo de, ma wonni ahurusi,+Ma wɔn ho nsɛpɛw wɔn Onyankopɔn anim,+Ma wɔmfa anigye mmɔ ose.+   Monto dwom mma Onyankopɔn, monto dwom mma ne din;+Momma dwom so mma Nea ɔnam tataw so+A ne din de Yah no;+ munni ahurusi, n’anim;   Nnyanka agya ne akunafo temmufo+Ne Onyankopɔn a ɔte ne kronkronbea no.+   Onyankopɔn ma ankonam nya ofie tena mu;+Ɔma nneduafo di yiye.+Na asoɔdenfo de, asase wosee so na wɔbɛtena.+   O Onyankopɔn, bere a wudii wo man anim,+Bere a wode wɔn faa sare so no+​—Sela​   Asase wosowee,+Ɔsoro nso sosɔe, Onyankopɔn nti;+Sinai yi nso wosowee, Onyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn nti.+   O Onyankopɔn, wotɔɔ osu pii;+Bere a w’agyapade brɛe mpo, wo ara na wohyɛɛ wɔn den.+ 10  Wo man tenatenaa ntamadan mu+​—emu na wɔtenatenae;+O Onyankopɔn, wo papayɛ mu na wusiesiee ntamadan maa mmɔborɔni.+ 11  Yehowa aka;+Mmea a wɔka asɛmpa no yɛ asafodɔm kɛse.+ 12  Asafodɔm so ahene de, guan na woguan.+Nanso ɔbea a ɔte fie mpo, onya asade no bi.+ 13  Ɛwom sɛ moda nsõ mu de,Nanso mubenya aborɔnoma a wɔde dwetɛ adura ne ntaban ho,Na wɔde sika a ɛbere dum adura ne ntakra ho.+ 14  Bere a ade nyinaa so Tumfoɔ bɔɔ asase no so ahene hwetee no,+Sukyerɛmma fii ase tɔe wɔ Salmon.+ 15  Basan+ mmepɔw yɛ Onyankopɔn mmepɔw;+Basan mmepɔw yɛ mmepɔw atenten.+ 16  O mmepɔw atenten, dɛn nti na mode ahoɔyaw hwɛBepɔw a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena so?+Yehowa de, ɛhɔ na ɔbɛtena daa.+ 17  Onyankopɔn akodi nteaseɛnam si ɔpedu ne mpempem huhaa.+Yehowa fi Sinai aba ne kronkronbea.+ 18  Woforo kɔɔ soro;+Wode nnommum kɔe;+Wode nnipa kɔe sɛ akyɛde,+Asoɔdenfo mpo,+ wɔtenaa wɔn mu,+ O Yah Nyankopɔn. 19  Nhyira nka Yehowa a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn da biara no,+Ɔno ne yɛn nkwagye Nyankopɔn ankasa.+ Sela. 20  Nokware Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn;+Na Awurade Tumfoɔ+ Yehowa nsam na ɔkwan a wɔde fi owu mu wɔ.+ 21  Ampa ara, Onyankopɔn na ɔbɛbobɔ n’atamfo ti pasaa;+Ɔbɛbobɔ obiara a ɔnam afobu mu tikora.+ 22  Yehowa aka sɛ: “Basan na mede wɔn befi aba,+Mede wɔn befi ɛpo bun mu aba,+ 23  Na ama woahohoro wo nan ho wɔ mogya mu,+Na w’akraman tɛkrɛma nso ataforo atamfo mogya.”+ 24  O Onyankopɔn, wɔahu wo santen,+Me Nyankopɔn, me Hene, santen a ɛkɔ kronkronbea hɔ no.+ 25  Nnwontofo no na wodi kan, asankubɔfo na wodi akyi;+Wɔn ntam na mmeawa a wɔbɔ mpintin+ no di. 26  Munhyira Onyankopɔn wɔ asafo guabɔ mu,+O mo a mufi Israel mu, munhyira Yehowa.+ 27  Benyamin a osua no di nkurɔfo so,+Yuda mmapɔmma ne wɔn dɔm a wɔteɛm nso saa ara,Sebulon mmapɔmma ne Naftali mmapɔmma nso.+ 28  Wo Nyankopɔn ahyɛ sɛ ahoɔden mmra wo so.+O Onyankopɔn a woadi ama yɛn, kyerɛ wo tumi.+ 29  W’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no+ nti,Wo na ahene de akyɛde bɛbrɛ wo.+ 30  Ka demmire mu mmoa+ no anim, anantwinini kuw no,+Wɔne nnipa a wɔayɛ sɛ anantwi mma a wɔn mu biara tiatia dwetɛ so+ no.Nnipa a wɔpɛ akodi+ no, wabɔ wɔn ahwete. 31  Kɔbere nneɛma befi Egypt aba;+Kus bɛtrɛw ne nsam de akyɛde ama Onyankopɔn.+ 32  O asase so ahenni, monto dwom mma Onyankopɔn,+Monto dwom mma Yehowa​—Sela​ 33  Monto mma Nea ɔte soro mu soro fi teteete no.+Hwɛ! Ɔbobom, ɔde nne a emu yɛ den.+ 34  Momma ahoɔden nyɛ Onyankopɔn dea.+N’anuonyam wɔ Israel so, na n’ahoɔden wɔ omununkum mu.+ 35  Onyankopɔn, wo ho yɛ hu, wo kronkronbea kɛse hɔ.+Ɔne Israel Nyankopɔn a ɔma ɔman no ahoɔden ne tumi.+Nhyira nka Onyankopɔn.+

Ase Hɔ Nsɛm