Dwom 7:1-17

Dawid awerɛhow dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti, ɔto maa Yehowa. 7  O Yehowa me Nyankopɔn,+ wone me guankɔbea.+Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam, na gye me nkwa.+   Na obi antetew me kra asinasin sɛnea gyata yɛ no,+Na ogyefo a onni+ hɔ nti wɔanhwim me ankɔ.   O Yehowa me Nyankopɔn, sɛ mayɛ bɔne bi,+Na sɛ adebɔne bi wɔ me nsam a,+   Sɛ mede bɔne atua nea wayɛ me papa so ka,+Anaa mafow obi a ɔtan me kwa nneɛma a,+   Ɛnde ma ɔtamfo ntaa me kra+Na ɔnkyere me na ontiatia me nkwa so wɔ famNa ɔmma m’anuonyam ntena dɔte mu. Sela.   O Yehowa, sɔre w’abufuw mu ɛ;+Sɔre hyɛ wɔn a wohiahia me ho na wɔtan me,+Nyan ma me,+ efisɛ woahyɛ sɛ wommu atɛntrenee.+   Ma amanaman bagua ntwa wo ho nhyia,Na san foro soro na wo ne wɔn nni.   Yehowa na obebu aman atɛn.+O Yehowa, bu me atɛn, sɛnea me trenee te+Ne sɛnea mũdi*+ a ɛwɔ me mu no te.   Mesrɛ wo, ma nnebɔneyɛfo bɔne mmra awiei,+Na ma ɔtreneeni ase ntim;+Trenee Nyankopɔn+ no na ɔhwehwɛ koma+ ne asaabo+ mu. 10  Me kyɛm wɔ Onyankopɔn nsam,+ koma mu teefo+ Gyefo no. 11  Onyankopɔn yɛ Ɔtemmufo a ɔteɛ,+Na Onyankopɔn hwie afobusɛm daa. 12  Sɛ obi ansakra a,+ Ɔbɛsew ne nkrante,+Ɔbɛkoa ne tadua mu, na obesiesie atow.+ 13  Obesiesie owu akode;+N’agyan nso, ɔbɛyɛ no ogyaframa de.+ 14  Hwɛ! Obi yem bɔne;+Wanyinsɛn ɔhaw, enti nkontompo na ɔbɛwo.+ 15  Wabɔ amoa, na watutu mu;+Nanso amoa a watu no, ɔno ara na ɔbɛhwe mu.+ 16  Ɔno ara ti so na ne haw bɛba,+Na ne mpampam na ne basabasayɛ bɛba.+ 17  Mɛkamfo Yehowa, ne trenee nti,+Na mɛto dwom ama Ɔsorosoroni+ Yehowa din.+

Ase Hɔ Nsɛm

Efi Hebri asɛmfua tom/tumma mu; nea ɛkyerɛ ne sɛ obi abrabɔ anaa ne koma di mu.