Dwom 70:1-5

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom a wɔde yɛ nkae.+ 70  O Onyankopɔn, gye me,+O Yehowa, yɛ ntɛm bɛboa me.+   Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no ani nwu na wɔmfɛre,+Ma wɔn a wɔpɛ me amanehunu no nsan wɔn akyi na wɔn anim ngu ase.+   Ma wɔn a wɔka sɛ: “Ahaa, ahaa!” no, nsan wɔn akyi, wɔn aniwu mu.+   Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa ani nnye na wonni ahurusi wo mu,+Na wɔnka daa sɛ: “Wɔnkamfo Onyankopɔn”​—wɔn a wɔpɛ wo nkwagye no.+   Na me de, meyɛ mmɔborɔni ne ohiani.+O Onyankopɔn, gye me ntɛm.+ Wone me boafo ne me Gyefo.+O Yehowa, ntwentwɛn wo nan ase.+

Ase Hɔ Nsɛm