Dwom 71:1-24

71  O Yehowa, wo na maguan abɛtoa wo.+Mma m’anim nngu ase da.+   Wo trenee mu na yi me, na gye me.+Yɛ aso ma me na gye me nkwa.+   Yɛ m’abannennen a mekɔ mu daa.+Hyɛ ma minnya nkwa,+Efisɛ wone me botan ne m’abannennen.+   O me Nyankopɔn, gye me fi ɔdebɔneyɛfo nsam,+Gye me fi omumɔyɛfo ne nhyɛsofo nsam.+   O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wone m’anidaso,+ wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu fi me mmofraase.+   Wo na mifi yafunu mu matweri wo;+Wo na wuyii me fii me maame yam.+Wo na meyi wo ayɛ daa.+   Mayɛ sɛ anwonwade wɔ nnipa bebree ani so;+Wone me guankɔbea a ɛyɛ den.+   W’ayeyi ahyɛ m’anom ma,+Na meka w’anuonyam daa.+   Ntow me nkyene me nkwakoraabere mu;+Bere a m’ahoɔden so ahuan no, nnyaw me.+ 10  M’atamfo aka me ho asɛm,+Wɔn a wɔn ani sa me kra abom atu agyina,+ 11  Na wɔka sɛ: “Onyankopɔn agyaw no.+Muntiw no na monkyere no, efisɛ onni ogyefo.”+ 12  O Onyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.+O me Nyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.+ 13  Ma wɔn a wɔne me kra di asi no ani nwu na wɔn awiei mmra.+Ma wɔn a wɔpɛ me sɛe no mfura ahohorabɔ ne animguase.+ 14  Na me de, mɛtwɛn daa;+Mede bi bɛka w’ayeyi nyinaa ho. 15  M’ano na ɛbɛka wo trenee ho asɛm;+Ɛbɛka wo nkwagye daa nyinaa,+Efisɛ merentumi mmu ne dodow ano.+ 16  Wo tumi kɛse mu na mɛba,+ O Awurade Tumfoɔ+ Yehowa;Mɛka wo trenee ho asɛm, wo nkutoo de.+ 17  O Onyankopɔn, wufi me mmofraase na akyerɛkyerɛ me,+Maka w’anwonwadwuma ho asɛm de abesi nnɛ.+ 18  O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen mpo a, nnyaw me,+Kosi sɛ mɛka wo basa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso,+Na mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ nkyirimma.+ 19  O Onyankopɔn, wo trenee kodu sorosoro;+Nneɛma akɛse a woayɛ mu de,+Onyankopɔn, hena koraa na ɔte sɛ wo?+ 20  Ahohia ne ɔhaw a woama aba me so nti,+Ma me ho nsan me bio;+San ma me so fi subun mu wɔ asase so.+ 21  Ma me kɛseyɛ nkɔ anim,+Na bɛyɛ me bammɔfo na kyekye me werɛ.+ 22  Me nso mede sanku bɛkamfo wo,+Wo nokwaredi ho, O me Nyankopɔn.+O Israel Kronkronni,+ mede sankuten bɛto dwom ama wo. 23  Sɛ meto dwom ma wo a, m’ano ho bɛsɛpɛw no,+Me kra a woagye no no nso saa ara.+ 24  Me tɛkrɛma de, daa ɛbɛka wo trenee ho asɛm wɔ me komam,+Efisɛ wɔn a wɔpɛ me sɛe no ani awu, na wɔn anim agu ase.+

Ase Hɔ Nsɛm