Dwom 74:1-23

Maskil.* Asaf+ dwom. 74  O Onyankopɔn, dɛn nti na woatow yɛn akyene koraa yi?+Dɛn nti na w’abufuw dɛw w’adidibea nguan so?+   Kae w’asafo a wunyae fi tete,+Abusua a wugyee wɔn sɛ w’agyapade no,+Bepɔw Sion a wote so yi.+   Dan w’ani kyerɛ amamfõ a ɛrekyɛ no.+Biribiara a ɛwɔ kronkronbea hɔ no, atamfo ayɛ no pasaa.+   Nnipa a wɔtan wo abobom wɔ wo nhyiambea no mfinimfini.+Wɔde wɔn ankasa frankaa asisi hɔ sɛ nsɛnkyerɛnne.+   Wɔagye dimmɔne sɛ nnipa a wɔmoma nkuma so wɔ kwae mu twitwa nnua gu.   Na afei ɛho adwini nyinaa, wɔde abonnua ne ɔsosɔw abubu.+   Ogya mu na wɔatow wo kronkronbea no ato.+Wɔagu ntamadan a wo din da so no ho fĩ, na wɔabrɛ no ase akodu fam.+   Wɔka wɔ wɔn komam, wɔne wɔn asefo, sɛ:“Yɛbɛhyew Onyankopɔn nhyiambea no nyinaa wɔ asase no so.”+   Yenhu yɛn nsɛnkyerɛnne; odiyifo biara nni hɔ bio,+Na obiara nni yɛn mu a onim bere tenten a ebedi. 10  O Onyankopɔn, da bɛn na atamfo mmɔ wo ahohora nkosi?+Na wo din nso, atamfo mmu no animtiaa daa?+ 11  Dɛn nti na woayi wo nsa, wo nsa nifa, afi wo kokom na ɛkonkɔn hɔ yi?+Ɛremma wɔnsɛe yɛn anaa? 12  Nanso Onyankopɔn ne me Hene fi teteete,+Nea ɔyɛ nkwagye adwuma kɛse asase so no.+ 13  Wo na wode w’ahoɔden hwanyan po;+Wobobɔɔ nsuboa akɛse ti wɔ nsu mu.+ 14  Wo na wobobɔɔ Lewiatan*+ ti pasaa.Wode maa nnipa sɛ aduan, wɔn a wɔtete kwayow so no.+ 15  Wo na wopaee asuti ne asuten mu;+Wo na womaa asubɔnten a ɛsen daa yowee.+ 16  Wo na adekyee yɛ wo dea, na adesae nso wɔ wo.+Wo na wusiesiee akanea, na owia nso ka ho.+ 17  Ɛyɛ wo na wutwitwaa asase ahye nyinaa;+Ahohuru bere ne awɔw bere nso, wo na woyɛe.+ 18  O Yehowa, kae sɛ nea ɔbɔ wo ahohora no yɛ ɔtamfo,+Na nnipa a wonni adwene na abu wo din animtiaa.+ 19  Mfa w’aborɔnoma kra nhyɛ wuram mmoa nsa.+Mma wo werɛ mmfi wo mmɔborɔni nkwa da.+ 20  Fa w’ani to apam+ a wo ne yɛn ayɛ no,Efisɛ awudisɛm a wɔyɛ wɔ sum ase ayɛ asase so mã.+ 21  O mma nea wɔabubu no pasaa no mmfa animguase mmma.+Ma mmɔborɔni ne ohiani nyi wo din ayɛ.+ 22  O Onyankopɔn, sɔre na bedi w’asɛm.+Kae ahohora a nea onni adwene bɔ wo daa no.+ 23  Mma wo werɛ mmfi wɔn a wɔtan wo no nne.+Wɔn a wɔsɔre tia wo no nnyigyei kɔ soro daa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 32:Atf ase hɔ asɛm.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ ɔdɛnkyɛm anaa asuboa kɛse bi.