Dwom 76:1-12

Wɔde ma dwonkyerɛfo, sɛ wɔmfa sanku nto. Ayeyi dwom. Asaf+ dwom. 76  Onyankopɔn agye din wɔ Yuda;+Ne din yɛ kɛse wɔ Israel.+   Salem na ne hintabea wɔ,+Na ne tenabea wɔ Sion.+   Ɛhɔ na obubuu agyan ne peaw a ɛredɛw+Ne ɔkyɛm ne nkrante ne akode nyinaa mu.+ Sela.   Hann atwa wo ho ahyia, wokorɔn sen ahayɔ mmepɔw.+   Komam ahoɔdenfo de, wɔasɛe wɔn,+Wɔatotɔ nko afa mu ada,+Na akokodurufo no mu biara annya nsa amfa anko.+   O Yakob Nyankopɔn, w’ateɛteɛ nti, nteaseɛnam kafo ne apɔnkɔ adeda hatee.+   Wo de, wo ho yɛ hu,+Na w’abufuw ano den nti, hena na obetumi agyina w’anim?+   Woma wɔtee w’atemmu fii soro;+Asase suroe na ɛyɛɛ dinn,+   Ɛyɛɛ dinn bere a Onyankopɔn sɔre buu atɛn+Sɛ ɔregye asase so ahobrɛasefo no.+ Sela. 10  Onipa abufuw de nkamfo bɛbrɛ wo;+Na abufuw no nkae nso, wode bɛbɔ wo ho so. 11  Mo a moatwa Yehowa ho ahyia nyinaa, monhyɛ bɔ na momfa mma mo Nyankopɔn no.+Osuro mu na momfa akyɛde mmra.+ 12  Ɔbɛbrɛ akannifo honhom ase;+Ne ho yɛ asase so ahene hu.+

Ase Hɔ Nsɛm