Dwom 77:1-20

Wɔde ma Yedutan* dwonkyerɛfo. Asaf+ dwom. Ayeyi dwom. 77  Onyankopɔn na mɛma me nne so asu afrɛ no,+Onyankopɔn na mɛma me nne so akyerɛ no, na ɔbɛyɛ aso ama me.+   Yehowa na mehwehwɛ no m’ahohia da.+Meteɛ me nsa anadwo, na ɛmmrɛ;Me kra po awerɛkyekye.+   Mɛkae Onyankopɔn na mayɛ hagyahagya;+Medwinnwen ho na me honhom atɔ piti.+ Sela.   Woaso m’aniwa akyi;+Mayɛ hagyahagya, na mintumi nkasa.+   Masusuw tete nna no ho,+Teteete mfe no.   Mɛkae me sankudwom anadwo;+Mesusuw ho me komam,+Na mɛhwehwɛ nneɛma mu yiye me mu.   Yehowa bɛkɔ so atow yɛn akyene daa?+Na n’ani rennye yɛn ho bio anaa?+   N’adɔe atwam kɔ dabidabi anaa?+N’asɛm a waka nso, amma mu+ amma awo ntoatoaso akyi awo ntoatoaso anaa?   Enti Onyankopɔn nkae adom bio?+Anaa n’abufuw nti watwa ne mmɔborɔhunu mu?+ Sela. 10  Anaasɛ menkɔ so nka sɛ: “Nea ɛwowɔ me mu ni,+Ɔsorosoroni no asesa sɛnea ɔde ne nsa nifa di ma yɛn no”?+ 11  Mɛkae Yah nneyɛe;+Ampa ara, mɛkae anwonwade a woyɛe tete no.+ 12  Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho,+Na wo nneyɛe nso, mesusuw ho.+ 13  O Onyankopɔn, w’akwan wɔ kronkronbea hɔ.+Onyame bɛn na ɔyɛ kɛse sɛ Onyankopɔn?+ 14  Wone nokware Nyankopɔn a woyɛ anwonwade.+Woada w’ahoɔden adi amanaman mu.+ 15  Wo basa na wode agye wo man,+Yakob ne Yosef mma no. Sela. 16  O Onyankopɔn, nsu nyinaa ahu wo,Nsu nyinaa ahu wo; ɛpenepene.+Subun nso huru kutukutu.+ 17  Omununkum atɔ osu bitibiti;+Wɔte nnyigyei ɔsoro mununkum mu.Na w’agyan nso, edi akɔneaba.+ 18  W’aprannaa mmobom te sɛ teaseɛnam nan;+Anyinam hyerɛn wiase;+Asase hinhim na ɛwosow.+ 19  Ɛpo mu na w’akwan da,+Na w’anammɔn kwan da nsu pii mu;Obi nnim faako a w’anammɔn wɔ. 20  Woadi wo man anim sɛ nguankuw,+Wonam Mose ne Aaron nsa so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 39:Atf ase hɔ asɛm.