Dwom 78:1-72

Maskil.* Asaf dwom.+ 78  O me man, monyɛ aso mma me mmara;+Monwɛn mo aso mma m’anom nsɛm.+   Abebu mu na mebue m’ano;+Meyi tete aborɔme adi,+   Nea yɛate a yenim+Ne nea yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no;+   Yɛremfa nhintaw wɔn mma,+Na yɛbɛka akyerɛ awo ntoatoaso a ɛbɛba;+Yɛbɛka Yehowa ayeyi ne n’ahoɔden+Ne anwonwade a wayɛ no ho asɛm.+   Ɔmaa nkaesɛm timii wɔ Yakob mu,+Na ɔhyɛɛ mmara wɔ Israel mu,+Ɛno ne ahyɛde a ɔde maa yɛn agyanom+Sɛ wɔmma wɔn mma nhu;+   Ɛno na awo ntoatoaso a ɛbɛba, mma a wɔbɛwo wɔn no, behu,+Na wɔatumi aka akyerɛ wɔn mma;+   Ɛno bɛma wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn so,+Na wɔn werɛ amfi Onyankopɔn nneyɛe,+ na mmom wɔadi ne mmara nsɛm so.+   Na wɔrenyɛ sɛ wɔn agyanom,+Awo ntoatoaso asoɔdenfo ne atuatewfo no,+Awo ntoatoaso a wɔansiesie wɔn koma+Na wɔn honhom anni Onyankopɔn nokware no.+   Efraim mma a wonim agyan tow no mpo,+Woguanee ɔko da.+ 10  Wɔanni Onyankopɔn apam so,+Na ne mmara nso, wɔannantew mu.+ 11  Wɔn werɛ fii ne nneyɛe+Ne n’anwonwadwuma a ɔma wohui no.+ 12  Ɔyɛɛ anwonwade wɔ wɔn agyanom anim,+Egypt+ asase so, Soan+ asase so. 13  Ɔpaee po mu, na ɔma wɔfaa mu,+Ɔmaa nsu no boaa ano te sɛ nsuban.+ 14  Ɔde omununkum dii wɔn anim awia+Na anadwo mũ nyinaa nso, ɔde ogya a ɛhyerɛn dii wɔn anim.+ 15  Ɔpaee abotan mu wɔ sare so hɔ,+Na ɛma wonyaa nsu pii nomee te sɛ nea efi subun mu.+ 16  Ɔmaa nsuten fii botan mu bae,+Na ɔmaa nsu senee sɛ asubɔnten.+ 17  Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ no bɔne,+Na wɔtew Ɔsorosoroni no so atua, kwayow no so;+ 18  Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn komam,+Na wobisaa no nea wɔn kra bedi.+ 19  Wɔkasa tiaa Onyankopɔn.+Wɔkae sɛ: “Enti Onyankopɔn betumi ato yɛn pon wɔ sare yi so?”+ 20  Hwɛ! Ɔno na ɔbɔɔ ɔbotan+Maa nsu bae na nsu pii sen fii mu bae.+Nanso wobisae sɛ: “Obetumi ama yɛn paanoo anaa,+Na obetumi asiesie aduan ama ne man ni?”+ 21  Ɛno na Yehowa tee na ne bo fuwii;+Ogya tɔɔ Yakob mu,+Na abufuw hwie guu Israel so.+ 22  Wɔannye Onyankopɔn anni,+Na wɔannya ne nkwagye mu ahotoso.+ 23  Nanso ɔhyɛɛ ɔsoro mununkum,Na obuee ɔsoro mfɛnsere.+ 24  Ɔtɔɔ mana ma wodii,+Ɔsoro aduan na ɔde maa wɔn.+ 25  Nnipa dii atumfoɔ aduan;+Ɔmaa wɔn aduan di mee.+ 26  Ɔmaa apuei mframa bɔ fii soro,+Na ɔde n’ahoɔden bɔɔ anafo mframa.+ 27  Ɔtɔɔ aduan guu wɔn so sɛ mfutuma,+Ne ntakraboa sɛ mpoano anhwea.+ 28  Ɔma eguguu ne nsraban no mu,+Wɔ ne ntamadan no ho baabiara.+ 29  Wodidi mee.+Enti ɔmaa wɔn wɔn akɔnnɔde.+ 30  Bere a wɔn akɔnnɔ to ntwae,Na wɔn aduan no da so wɔ wɔn anom no,+ 31  Onyankopɔn hwiee n’abufuw guu wɔn so.+Okunkum wɔn mu ahoɔdenfo;+Na ɔmaa Israel mmerante hwehwee ase. 32  Eyi nyinaa akyi no, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne,+Na wɔankyerɛ n’anwonwadwuma no mu gyidi.+ 33  Enti otwaa wɔn nkwa nna so te sɛ mframa ara kwa,+Ne wɔn mfe so, akomatusɛm mu. 34  Bere biara nso a obekunkum wɔn no, wɔhwehwɛ n’akyi kwan,+Na wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛ Onyankopɔn.+ 35  Wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn Botan,+Na Ɔsorosoroni no ne wɔn Gyefo.+ 36  Nanso wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no;+Wɔde wɔn tɛkrɛma twaa no nkontompo.+ 37  Ná wɔn koma nni mũ wɔ ne ho;+Wɔanni n’apam no nokware.+ 38  Ne nyinaa akyi no, ohuu wɔn mmɔbɔ;+ ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn,+ na wansɛe wɔn.+Mpɛn pii na osiankaa n’abufuw,+Na wanhwanyan n’abufuw nyinaa. 39  Bere nyinaa ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam,+Na sɛ wɔn honhom no kɔ a, ɛnsan mma bio.+ 40  Mpɛn pii na wɔtew no so atua wɔ sare no so,+Na wɔhow ne werɛ wɔ kwayow no so.+ 41  Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe mpɛn pii,+Na wɔmaa Israel Kronkronni+ no dii wɔn ho yaw. 42  Wɔankae ne nsa,+Da a ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam no,+ 43  Sɛnea ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne wɔ Egypt+Ne anwonwade a ɔyɛe Soan asase so no;+ 44  Sɛnea ɔdanee wɔn Nil mu nsu mogya,+Na wɔantumi annom wɔn asubɔnten no mu nsu no.+ 45  Ɔsomaa ahurii kɔɔ wɔn so sɛ wɔnkɔwe wɔn;+Ne mpɔtorɔ, sɛ wɔnkɔsɛe wɔn.+ 46  Ɔde wɔn nnɔbae maa ntɛfrɛw,Na ɔde wɔn nsa ano adwuma maa mmoadabi.+ 47  Ɔde amparuwbo kunkum wɔn bobe,+Na wɔn sikamɔɔ dua nso, ɔde amparuwbo bobɔɔ no.+ 48  Ɔde wɔn nyɛmmoa hyɛɛ amparuwbo nsa,+Na ɔde wɔn mmoakuw nso maa owuyare. 49  Ɔsomaa n’abufuhyew baa wɔn so,+Anibere ne abohuru ne ahohia;+Ɔsomaa abɔfo asafodɔm nso sɛ wɔmfa ɔhaw mmra wɔn so.+ 50  Ɔbɔɔ kwan maa n’abufuw.+Wamfa owu ankame wɔn kra;Na wɔn nkwa nso, ɔde maa ɔyaredɔm.+ 51  Awiei koraa no, ɔbobɔɔ Egypt mmakan nyinaa kunkum wɔn,+Wɔn ahoɔden mfiase no, Ham ntamadan mu.+ 52  Ɛno akyi no, ɔmaa ne man kɔe sɛ nguankuw,+Na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuw wɔ sare no so.+ 53  Odii wɔn anim dwoodwoo, na wɔn koma antu;+Wɔn atamfo de, ɛpo kataa wɔn so.+ 54  Ɔde wɔn baa n’asase kronkron no so,+Mmepɔw nsase yi a ɔde ne nsa nifa nyae no.+ 55  Wɔn nti, ɔde nkakrankakra pam amanaman,+Na ɔde susuhama kyekyɛɛ agyapade maa wɔn,+Na ɔmaa Israel mmusuakuw no tenatenaa wɔn afie mu.+ 56  Nanso wɔsɔɔ Ɔsorosoroni Nyankopɔn hwɛe, na wɔtew no so atua,+Na ne nkaesɛm nso, wɔanni so.+ 57  Wɔsan wɔn akyi, na wotwaa nkontompo sɛ wɔn agyanom;+Wɔsan wɔn akyi sɛ agyan a emu agow.+ 58  Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea no hyɛɛ no abufuw,+Na wɔde wɔn ahoni a wɔasen no huruu ne bo.+ 59  Enti Onyankopɔn tee,+ na ne bo fuwii kɛse,+Na Israel ho yɛɛ no aniwu koraa.+ 60  Eduu baabi no, ogyaw Silo ntamadan,+Ntamadan a na ɔte mu wɔ adesamma mu no.+ 61  Ɔmaa n’ahoɔden no kɔɔ nkoasom mu;+N’ahoɔfɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ atamfo nsa.+ 62  Ɔkɔɔ so de ne man hyɛɛ nkrante nsa,+Na n’abufuw baa n’agyapade no so.+ 63  Ogya hyew ne mmerante,Na wɔanyi ne mmaabun nso ayɛ.+ 64  N’asɔfo no, wɔtotɔɔ nkrante ano,+Na wɔn akunafo ansu wɔn.+ 65  Yehowa nyanee sɛnea obi nyan fi nna mu,+Te sɛ ɔhoɔdenfo a nsã atetew n’ani so.+ 66  Na ɔbobɔɔ n’atamfo fii wɔn akyi;+Ɔma wɔbɛyɛɛ ahohorade daa.+ 67  Ɔpoo Yosef ntamadan;+Na wampaw Efraim abusuakuw.+ 68  Yuda abusuakuw na ɔpawee,+Bepɔw Sion a ɔdɔ no no.+ 69  Na osii ne kronkronbea sɛ sorosoro ade,+Te sɛ asase a ɔde atim hɔ afebɔɔ no.+ 70  Ɛnna ɔpaw n’akoa Dawid,+Na ɔfaa no fii nguannan mu.+ 71  Ɔma ogyaee nguammere a wɔma nufu akyi di,+Na ɔma ɔbɛyɛn ne man Yakob+Ne n’agyapade Israel.+ 72  Ɔde komam nokwaredi yɛn wɔn,+Na ɔde ne nsa dii wɔn anim ahokokwaw so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 32:Atf ase hɔ asɛm.