Dwom 81:1-16

Wɔde ma dwonkyerɛfo, Gitit*+ so. Asaf dwom. 81  Monto ahurusi dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden no;+Mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn.+   Mommɔ dwom+ na monwosow mpintin,+Na mommɔ sanku ne sankuten dɛdɛ.+   Monhyɛn abɛn, ɔsram foforo;+Ɔsram atwa korokuma, monhyɛn yɛn afahyɛ da.+   Ɛyɛ ahyɛde ma Israel,+Ɛyɛ Yakob Nyankopɔn atemmusɛm.   Ɔde yɛɛ nkaesɛm maa Yosef,+Bere a ofii adi faa Egypt asase so no.+Ɛhɔ na yɛtee kasa a yennim.+   “Miyii nnesoa fii ne mmati so,+Na wamfa ne nsa nso ammoma nkɛntɛn so bio.+   Ahohia mu na wofrɛɛ me, na migyee wo;+Mifi aprannaa ahintawee mu gyee wo so.+Mehwehwɛɛ wo mu hwɛe wɔ Meriba nsu no ho.+ Sela.   O me man tie, na merebedi adanse atia wo,+Sɛ anka wubetie me a, O Israel.+   Anka onyame foforo biara remma wo mu,+Na worenkotow ananafo nyame bi.+ 10  Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,+Nea oyii wo fii Egypt asase so no.+Bue w’anom tɛtrɛɛ, na menhyɛ no mã.+ 11  Nanso me man antie me nne;+Israel ampɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama me.+ 12  Enti migyaa wɔn sɛ wonni wɔn komaden no akyi;+Wɔnantew wɔn ankasa agyinatu mu.+ 13  O sɛ anka me man retie me ɛ,+Sɛ anka Israel bɛnantew m’akwan so ɛ!+ 14  Anka medi wɔn atamfo so ntɛm,+Na madan me nsa akɔ wɔn a wɔmpɛ wɔn asɛm no so.+ 15  Wɔn a wokyi Yehowa no bɛbrɛ wɔn ho ase ama no,+Na wɔn bere rentwam da. 16  Mɛma me nkurɔfo awi mu srade adi,+Na mɛma wɔn ɛwo afi ɔbotan mu+ adi amee.”

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 8:Atf ase hɔ asɛm.