Dwom 84:1-12

Wɔde ma dwonkyerɛfo, Gitit*+ so. Kora mma dwom. Ayeyi dwom. 84  Hwɛ sɛnea wo ntamadan kɛse no som bo ma me,+O asafo Yehowa!+   Me kra ani agyina Yehowa fie adiwo, na abotow.+Me koma ne me honam to ahurusi dwom ma Onyankopɔn teasefo no.+   Anomaa mpo anya atenae wɔ hɔ;Asomfena nso ayɛ ne berebuw wɔ hɔ,Na ɔde ne mma agu mu​—Baabi a w’afɔremuka kɛse no wɔ, O asafo Yehowa a woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn!   Anigye ne wɔn a wɔte wo fie!+Woyi wo ayɛ daa.+ Sela.   Anigye ne nnipa a wɔde wo ayɛ wɔn ahoɔden,+Ná wɔn koma da kwantempɔn no so.+   Sɛ wɔnam baka* nnua+ no mu wɔ asasetaw no so a,Wɔfa no sɛ ɛhɔ yɛ nsuti;Ɛno mu na ɔkyerɛkyerɛfo+ no de nhyira dura ne ho.   Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu;+Wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion.+   O asafo Yehowa Nyankopɔn, tie me mpaebɔ;+Yɛ aso ɛ, Yakob Nyankopɔn.+ Sela.   O Onyankopɔn, yɛn kyɛm, hwɛ ɛ,+Hwɛ nea woasra no no anim.+ 10  Efisɛ wo fie adiwo da koro di ye sen nna apem wɔ baabi foforo.+Megyina me Nyankopɔn fie kwan ano mmom+Sen sɛ mɛnenam amumɔyɛfo ntamadan mu.+ 11  Yehowa Nyankopɔn yɛ owia+ ne ɔkyɛm;+Adom ne anuonyam na ɔde ma.+Yehowa de, ɔremfa adepa biara nkame wɔn a wɔnantew teeyɛ mu no.+ 12  O asafo Yehowa, anigye ne onipa a ɔde ne ho to wo so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 8:Atf ase hɔ asɛm.
Hwɛ 2Sa 5:23 ase hɔ asɛm.