Dwom 9:1-20

Wɔde ma dwonkyerɛfo, Mut-laben* so. Dawid dwom. א [ʼAʹleph] 9  Mede me koma nyinaa mɛkamfo wo, O Yehowa;+Mɛka w’anwonwadwuma nyinaa ho asɛm.+   Medi ahurusi na manya anigye wo mu,+O Ɔsorosoroni, mɛto dwom ama wo din.+ ב [Behth]   Sɛ m’atamfo san wɔn akyi a,+Wobehintiw na wɔayera w’anim.+   Efisɛ woabu atɛn, na woadi m’asɛm ama me;+Woatena ahengua so abu atɛn trenee mu.+ ג [Giʹmel]   Woaka amanaman anim,+ na woasɛe nnebɔneyɛfo.+Woapopa wɔn din korakora, daa afebɔɔ.+   O ɔtamfo, wo sɛe korakora aba,+Ɛne nkurow a woatutu ase no nso.+Wɔn din mpo bɛyera.+ ה [Heʼ]   Yehowa de, ɔbɛtena ahengua so akosi daa,+Na ɔde n’atemmu agua+ betim hɔ pintinn.   Ɔno na obebu asase atɛn trenee mu;+Obedi amanaman asɛm teeyɛ mu.+ ו [Waw]   Yehowa bɛyɛ abantenten ama ɔwerɛhoni,+Ahohia bere mu abantenten.+ 10  Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so,+Na wɔn a wɔhwehwɛ wo no, O Yehowa, worennyaw wɔn.+ ז [Zaʹyin] 11  Monto dwom mma Yehowa a ɔte Sion+ no;Monka ne nnwuma ho asɛm amanaman mu.+ 12  Sɛ ɔhwehwɛ mogyahwiegufo+ a, ɔbɛkae ne nkurɔfo;+Ne werɛ remfi mmɔborɔni sufrɛ da.+ ח [Chehth] 13  Hu me mmɔbɔ, O Yehowa; hwɛ sɛnea m’atamfo hiahia me ho,+O wo a woma me so fi owu apon ano,+ 14  Na ama matumi aka w’ayeyi nnwuma+ nyinaaSion babea+ apon ano,+Na manya anigye wo nkwagye mu.+ ט [Tehth] 15  Amanaman no atɔ amoa a wɔatu mu;+Asau+ a wɔde hintawee no, ayi wɔn ankasa nan.+ 16  Yehowa nam atɛn a obu so ma wohu no.+Ɔdebɔneyɛfo nsa ano adwuma na esum no afiri.+Higayon. Sela. י [Yohdh] 17  Nnebɔneyɛfo+ bɛsan akɔ Adamoa* mu,+Aman a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa.+ 18  Ɛnyɛ da biara na wɔrenkae ohiani,+Na ɛnyɛ da biara na ahobrɛasefo anidaso bɛyera.+ כ [Kaph] 19  O Yehowa, sɔre ɛ! Mma onipa desani nnni nkonim.+Ma wommu amanaman no atɛn w’anim.+ 20  Ma wɔmmɔ hu, O Yehowa,+Na amanaman no nhu sɛ wɔyɛ nnipa ara kwa.+ Sela.

Ase Hɔ Nsɛm

Mut-laben yɛ Hebri asɛm bi a wonnim nea ɛkyerɛ pɔtee, nanso ebinom kyerɛ ase sɛ “ɛfa ɔbabarima no wu ho.”
Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.