Dwom 90:1-17

Nokware Nyankopɔn nipa Mose+ mpaebɔ. 90  O Yehowa, wone yɛn tenabea+Awo ntoatoaso nyinaa mu.+   Wunnya nwoo mmepɔw,+Na wunnya nwoo asase+ ne wiase+ no,Na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.+   Woma ɔdesani san dan mfutuma,+Na woka kyerɛ wɔn sɛ: “Nnipa mma, monsan nkɔ dɔte mu.”+   Mfe apem twam w’ani so sɛ nnɛra yi ara,+Na ɛte sɛ anadwo mu dɔn biako pɛ.+   Woapra wɔn kɔ;+ wɔte sɛ nna;+Anɔpa, wɔte sɛ sare momono a ɛsesa.+   Eyi nhwiren anɔpa, na ɛsesa;+Edu anwummere a, etwintwam na ewu.+   Yɛn awiei aba, w’abufuw nti,+Na w’abufuhyew ama yɛahaw.+   Wode yɛn mfomso asi w’anim,+Na wode yɛn sum ase nneyɛe aba w’anim hann mu.+   Yɛn nkwa nna nyinaa so atew, w’abufuw nti;+Yɛawie yɛn mfe di sɛ hwirema.+ 10  Yɛn mfe nna de, ɛyɛ aduɔson;+Na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na edu aduɔwɔtwe,+Nanso ɔhaw ne amanehunu nkutoo na ahyɛ mu mã;+Etwam ntɛm, na yɛyera.+ 11  Hena na onim sɛnea w’abufuw mu yɛ den fa,+Ne w’abufuhyew, sɛnea osuro a ɛfata wo no te?+ 12  Kyerɛ yɛn yɛn nna kan+Na yɛanya nyansa koma.+ 13  O Yehowa, san bra!+ Enkosi da bɛn?+Ma wo nkoa asɛm nyɛ wo mmɔbɔ.+ 14  Ma w’adɔe mmee yɛn anɔpa,+Na yɛatumi abɔ ose na yɛato ahurusi dwom yɛn nkwa nna nyinaa.+ 15  Ma yenni ahurusi sɛ nna dodow a woma wohiahiaa yɛn ho no te,+Mfe a yehuu amane no.+ 16  Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa,+Ne w’anuonyam, wɔn mma so.+ 17  Ma Yehowa yɛn Nyankopɔn anuonyam mmra yɛn so,+Na ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.+Yɛn nsa ano adwuma no, ma ɛnyɛ yiye.+

Ase Hɔ Nsɛm