Dwom 92:1-15

Ayeyi dwom. Dwom a wɔto no homeda. 92  Eye sɛ yɛda Yehowa ase,+Na yɛto dwom ma wo din, O Ɔsorosoroni;+   Eye sɛ yɛka w’adɔe ho asɛm+ anɔpa,Ne wo nokwaredi ho asɛm anadwo,+   Sanku a ɛso nhama yɛ du ne sankuwa so,+Ne dwom dɛdɛ wɔ sankuten so.+   O Yehowa, wo na woma midi ahurusi wo nnwuma ho;Wo nsa ano adwuma nti, meto ahurusi dwom.+   O Yehowa, wo nnwuma yɛ akɛse dɛn ara!+W’adwene mu dɔ yiye.+   Nea onni adwene ntumi nhu mu,+Na ɔkwasea ntumi nte ase.+   Sɛ nnebɔneyɛfo fifi sɛ wura,+Na sɛ amumɔyɛfo nyinaa pae sɛ nhwiren a,Ɛyɛ ɔsɛe korakora a ɛbɛba wɔn so+ ntia.   Nanso wo Yehowa de, wowɔ sorosoro kosi daa.+   Hwɛ! O Yehowa, w’atamfo,+Hwɛ! w’atamfo de, yera na wɔbɛyera;+Amumɔyɛfo nyinaa, wɔbɛbɔ wɔn ahwete.+ 10  Nanso wobɛma m’abɛn so sɛ ɛkoɔ de;+Ngo pa na mɛsra.+ 11  M’aniwa nso bɛhwɛ m’atamfo;+M’aso bɛte wɔn a wɔsɔre tia me no ho asɛm, nnebɔneyɛfo no. 12  Ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ abedua;+Ɔbɛyɛ kɛse sɛ Lebanon kyeneduru.+ 13  Wɔn a wodua wɔn Yehowa fie,+Wɔ yɛn Nyankopɔn fie adiwo no,+ wɔbɛyɛ frɔmfrɔm. 14  Sɛ wofuw dwen mpo a, wɔbɛsow aba,+Na wɔbɛkɔ so ayɛ akɛse ne frɔmfrɔm,+ 15  Na wɔaka sɛ Yehowa teɛ.+Ɔno ne me Botan,+ na nea ɛnteɛ biara nni no mu.+

Ase Hɔ Nsɛm