Dwom 93:1-5

93  Yehowa afi ase di hene!+Ɔde anuonyam ahyehyɛ ne ho;+Yehowa ahyehyɛ ne ho​—ahoɔden na ɔde akata ne ho.+Asase nso atim pintinn a ɛrenhim da.+   Efi teteete na w’ahengua atim pintinn;+Wowɔ hɔ fi mmeresanten.+   O Yehowa, nsubɔnten no amoma so,Nsubɔnten no amoma wɔn nne so;+Nsubɔnten no nworoso kɔ soro.+   Yehowa korɔn+ wɔ sorosoro hɔ,Ɔkorɔn sen nsu pii nnyigyei ne po asorɔkye akɛse.+   Wo nkaesɛm nnii huammɔ da.+O Yehowa, kronkronyɛ fata wo fie+ nnasanten nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm