Dwom 94:1-23

94  O aweredi Nyankopɔn Yehowa,+O aweredi Nyankopɔn, hyerɛn!+   O asase Temmufo, ma wo mu so,+Bɛtwe ahantanfo aso.+   O Yehowa, enkosi da bɛn na nnebɔneyɛfo bɛkɔ so,+Enkosi da bɛn na nnebɔneyɛfo bɛkɔ so adi ahurusi?+   Wɔworo nsɛm, wɔkeka nea wɔpɛ biara;+Amumɔyɛfo no nyinaa hoahoa wɔn ho.+   O Yehowa, wo man na wɔbobɔ wɔn pasaa,+Na w’agyapade no na wohiahia wɔn ho.+   Wokum okunafo ne ɔhɔho,+Na wodi agyanka awu.+   Wɔkeka sɛ: “Yah aniwa nhu;+Yakob Nyankopɔn nnim nea ɛrekɔ so.”+   Mo a munni adwene, munnya ntease;+Nkwasea nso, da bɛn na mubenya nhumu?+   Nea ɔyɛɛ aso no, ɔrente asɛm anaa?+Na nea ɔyɛɛ aniwa no, ɔrenhu ade?+ 10  Nea ɔteɛ aman so no, ɔrentumi nka nkurɔfo anim anaa,+Ɔno a ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no?+ 11  Yehowa nim nnipa adwene sɛ ɛte sɛ mframa kɛkɛ.+ 12  O Yah, anigye ne ɔbarima a woteɛ no so,+Na wufi wo mmara mu kyerɛkyerɛ no+ 13  Ma ne ho dwo no mmusu nna mu,+Kosi sɛ wobetu amoa ama nnebɔneyɛfo.+ 14  Yehowa rempo ne man,+Na ɔrennyaw n’agyapade,+ 15  Efisɛ atemmu bɛsan asi trenee kwan so,+Na komam teefo nyinaa bedi akyi. 16  Hena na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfo adi asi ama me?+Hena na ɔbɛsɔre agyina na ɔne amumɔyɛfo ako ama me?+ 17  Sɛ Yehowa ammoa me a,+Anka me kra reyɛ akɔ kommyɛ mu.+ 18  Sɛ meka sɛ: “Me nan bɛwatiriw”+ a,O Yehowa, w’adɔe na ɛwowaw me.+ 19  Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a,+W’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.+ 20  Ɛbɛyɛ dɛn na ahengua a ɛde amanehunu ba no atumi ayɛ wo yɔnko,+Bere a ɛnam mmara so de ɔhaw ba no?+ 21  Wɔtow hyɛ ɔtreneeni kra so,+Na nea ne ho nni asɛm nso, wobu ne mogya fɔ.+ 22  Nanso Yehowa bɛyɛ m’abantenten,+Na me Nyankopɔn bɛyɛ me guankɔbea botan.+ 23  Ɔbɛma wɔn amumɔyɛsɛm adan aba wɔn so,+Na wɔn mmusu na ɔde bɛma wɔaka wɔn ano atom.+Yɛn Nyankopɔn Yehowa bɛma wɔaka wɔn ano atom.+

Ase Hɔ Nsɛm