Dwom 95:1-11

95  Mommra ɛ, momma yɛnto ahurusi dwom mma Yehowa!+Momma yɛmmɔ yɛn nkwagye Botan no ose.+   Momma yɛmfa aseda nkɔ n’anim;+Momma yɛmfa dwom mmɔ no ose.+   Na Yehowa yɛ Onyankopɔn kɛse+Ne Ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so;+   Ne nsam na asase ase tɔnn wɔ,+Na ɔno na mmepɔw atenten wɔ no;+   Ɔno na ɛpo a ɔyɛe no yɛ ne dea,+Na ne nsa na ɛyɛɛ asase kesee no.+   Mommra ɛ, momma yɛnsom na yɛmmɔ yɛn mu ase;+Momma yɛnkotow+ yɛn Bɔfo Yehowa+ anim.   Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛyɛ n’adidibea nkurɔfo ne ne nsam nguan.+Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a,+   Mummpirim mo koma sɛnea esii wɔ Meriba,+Masa* da no, sare so hɔ,+   Bere a mo agyanom gyigyee me no;+Wɔsɔɔ me hwɛe, nanso na wɔahu me nnwuma.+ 10  Awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me aniwu mfe aduanan,+Na mekae sɛ: “Wɔyɛ ɔman a wɔayera wɔn komam,+Na wonhuu m’akwan”;+ 11  Wɔn na mekaa wɔn ho ntam m’abufuw mu sɛ:+“Wɔrenhyɛn me home mu.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “sɔhwɛ.”