Dwom 96:1-13

96  Monto dwom foforo mma Yehowa.+Monto dwom mma Yehowa, asase so aman nyinaa.+   Monto dwom mma Yehowa, munhyira ne din.+Monka ne nkwagye ho asɛmpa da biara.+   Monka n’anuonyam ho asɛm amanaman mu,+Monka n’anwonwadwuma ho asɛm aman nyinaa mu.+   Yehowa yɛ kɛse+ na ɔfata ayeyi pii.Ne ho yɛ hu sen anyame nyinaa.+   Amanaman no anyame no nyinaa yɛ anyamehunu;+Na Yehowa de, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.+   Nidi ne anuonyam wɔ n’anim;+Ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea.+   Aman mmusuakuw, momfa mma Yehowa,+Momfa anuonyam ne ahoɔden mma Yehowa.+   Momfa Yehowa din anuonyam mma no;+Momfa akyɛde mmra ne fie adiwo.+   Momfa ahohyehyɛ kronkron nkotow Yehowa;+Asase so aman nyinaa, ne nti momma mo yam nhyehye mo.+ 10  Monka wɔ amanaman no mu sɛ: “Yehowa afi ase redi hene.+Asase nso atim pintinn a ɛrenhim da.+Teeyɛ mu na obedi amanaman no asɛm ama wɔn.”+ 11  Momma ɔsoro nni ahurusi, na asase ani nnye.+Momma ɛpo nworo, ɛne nea ɛwom nyinaa.+ 12  Momma kwae ne nea ɛwom nyinaa nni ahurusi.+Wuram nnua nso, momma ne nyinaa nto ahurusi dwom+ 13  Yehowa anim. Efisɛ waba;+Waba sɛ ɔrebebu asase atɛn.+Obebu asase atɛn trenee mu,+Na obebu amanaman atɛn nokwaredi mu.+

Ase Hɔ Nsɛm