Dwom 97:1-12

97  Yehowa afi ase redi hene!+ Momma asase ani nnye.+Momma nsupɔw nyinaa nni ahurusi.+   Omununkum ne sum kabii atwa ne ho ahyia;+Trenee ne atemmu yɛ n’ahengua nnyinaso.+   Ogya fi n’anim kɔ,+Na ɛhyew n’atamfo hyia.+   N’anyinam hyerɛnee wiase;+Asase hui, na ɛpopoe.+   Yehowa nti mmepɔw nso nanee sɛ srade,+Asase nyinaa Wura no nti.+   Ɔsoro aka ne trenee akyerɛ,+Na aman nyinaa ahu n’anuonyam.+   Momma wɔn a wɔsɔre ahoni nyinaa ani nwu,+Wɔn a wɔde anyamehunu hoahoa wɔn ho no.+Anyame nyinaa, monkotow no.+   Sion tee, na odii ahurusi,+Yuda ne ɛho nkurow ani gyei,+W’atemmusɛm nti, O Yehowa.+   Efisɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so;+Woama wo ho so kɔ sorosoro sen anyame nyinaa.+ 10  O mo a modɔ Yehowa nyinaa,+ munkyi bɔne.+Ɔwɛn n’anokwafo kra;+Ogye wɔn fi nnebɔneyɛfo nsam.+ 11  Hann ahyerɛn ama ɔtreneeni,+Ne ahurusidi ama komam teefo.+ 12  O mo treneefo, munni ahurusi Yehowa mu,+Na monna ne din* kronkron no ase.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 30:4 ase hɔ asɛm.