Dwom 98:1-9

Ayeyi dwom. 98  Monto dwom foforo mma Yehowa,+Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwonwa.+Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagye adwuma ama no.+   Yehowa ama wɔahu ne nkwagye;+Wayi ne trenee adi amanaman no ani so.+   Wakae n’adɔe ne ne nokwaredi ama Israel fie.+Asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.+   Asase so aman nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+Momma mo ani nnye na monto ahurusi ne ayeyi dwom.+   Momfa sankuten nto dwom mma Yehowa,+Momfa sankuten ne ɛnne nto dwom.+   Momfa ntorobɛnto ne abɛn+Mmɔ ose wɔ Ɔhene Yehowa anim.   Momma ɛpo nworo, ɛne nea ɛwom nyinaa,+Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa.+   Momma nsubɔnten mmobɔ wɔn nsam;Momma mmepɔw nyinaa nto ahurusi dwom+   Wɔ Yehowa anim, efisɛ ɔrebebu asase atɛn.+Obebu asase atɛn trenee mu,+Ne amanaman no atɛn, teeyɛ mu.+

Ase Hɔ Nsɛm