Dwom 99:1-9

99  Yehowa afi ase redi hene.+ Momma amanaman no ho mpopo.+Ɔte kerubim so.+ Momma asase nhinhim.+   Yehowa yɛ kɛse wɔ Sion,+Na ɔyɛ ɔsorosoroni wɔ aman nyinaa so.+   Ma wɔnkamfo wo din.+Ɛyɛ kɛse na ɛyɛ hu, ɛyɛ kronkron nso.+   Ɔhene ahoɔden na ɔde bɛdɔ atɛntrenee.+Wo na woama teeyɛ atim.+Woama atɛntrenee ne adetrenee reyɛ adwuma wɔ Yakob mu.+   Momma Yehowa yɛn Nyankopɔn so,+ na monkotow ne nan ntiaso anim.+Ɔyɛ kronkron.+   Mose ne Aaron ka n’asɔfo ho,+Na Samuel nso ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho.+Wɔfrɛɛ Yehowa, na ɔno nso gyee wɔn so daa.+   Omununkum dum mu na ɔne wɔn kasae.+Wodii ne nkaesɛm ne ahyɛde a ɔde maa wɔn no so.+   O Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na wutiee wɔn.+Woyɛɛ fafiri Nyankopɔn maa wɔn,+Na wutuaa wɔn nneyɛe bɔne so ka.+   Momma Yehowa yɛn Nyankopɔn so,+Na monkotow no wɔ ne bepɔw kronkron no so.+Efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ kronkron.+

Ase Hɔ Nsɛm