Numeri 11:1-35

11  Afei ɔman no fii ase nwiinwii tiaa Yehowa+ te sɛ nnipa a asɛm bi ato wɔn. Bere a Yehowa tee no ne bo fuw yiye, na Yehowa gya pae guu wɔn so bɛhyew nnipa bi a na wɔwɔ nsraban no ahye so.+  Na ɔman no su guu Mose so, na ɔsrɛɛ Yehowa+ maa ogya no dumii.  Eyi nti wɔfrɛɛ hɔ Tabera,+ efisɛ Yehowa gya pae guu wɔn so.  Firamanfiramanfo+ a na wɔka wɔn ho no kɔn dɔɔ nneɛma pii,+ na Israelfo no nso sui bio sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛn nam awe?+  Hwɛ sɛnea yɛakae nsunam a yɛwee no kwa+ wɔ Egypt ne ɛfere ne anamuna ne nnuadewa ne gyeene ne galik!  Yɛn kra mu nsu atwe. Baabiara a wobɛfa biara mana yi ara na wuhu.”+  Na mana+ no te sɛ aba fitaa bi,+ na na ɛho te sɛ bedola* hyɛ.+  Nnipa fii adi kɔsesawee,+ na wɔyam wɔ owiyammo so anaa wosiw wɔ waduru mu. Afei wɔnoae wɔ kuku mu+ anaa wɔde yɛɛ paanoo; wode ka w’ano a, ne dɛ te sɛ tetare dɛdɛ+ a wɔde ngo afra.  Na sɛ edu anadwo na obosu tɔ gu nsraban no so a, mana no nso tɔ gu so.+ 10  Afei Mose tee sɛ ɔman no resu, mmusua mmusua, obiara wɔ ne ntamadan ano. Ɛbaa saa no, Yehowa bo fuw yiye,+ na asɛm no yɛɛ Mose yaw.+ 11  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Dɛn nti na wo ne w’akoa adi no nwenweenwene saa, na dɛn na mayɛ a ɛnsɔ w’ani a enti wode nnipa yi nyinaa nnesoa ato me so yi?+ 12  Adɛn, me na minyinsɛn nnipa yi nyinaa? Anaa me na mewoo wɔn a enti wuse, ‘Turu wɔn wo kokom+ sɛnea ɔbarima bagyigyefo turu akokoaa,’+ na fa wɔn kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom+ no so? 13  Ɛhe na menya nam ama nnipa yi nyinaa? Da biara wosu gu me so sɛ, ‘Ma yɛn nam nwe!’ 14  Dabi, me nkutoo mintumi mfa ɔman yi nyinaa nto me ho so, efisɛ wɔn mu yɛ duru dodo ma me.+ 15  Sɛ saa na wo ne me bedi a, ɛnde mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, kum me prɛko ma ɛnsa+ na m’ani anhu m’ahoyeraw.” 16  Yehowa nso ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwehwɛ Israel mmarima mpanyimfo aduɔson+ a wunim wɔn sɛ ɔman no mu atitiriw+ ma me, na fa wɔn kɔ ahyiae ntamadan no ho na wo ne wɔn ntwɛn wɔ hɔ. 17  Na mesian aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ;+ na meyi honhom+ a ɛwɔ wo so no bi ama wɔn, na wɔbɛboa wo asoa ɔman no nnesoa na wo nkutoo ansoa.+ 18  Afei ka kyerɛ ɔman no sɛ, ‘Monyɛ mo ho kronn mma ɔkyena,+ na mobɛwe nam, efisɛ moasu agu Yehowa asom+ sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛn nam awe? Yɛwɔ Egypt no, na nneɛma ye ma yɛn.”+ Hwɛ, Yehowa bɛma mo nam awe.+ 19  Ɛnyɛ da koro na mobɛwe, ɛnyɛ nnanu, ɛnyɛ nnanum, ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu, 20  na mmom mobɛwe no ɔsram biako kosi sɛ ebefi mo hwenem aba na ayɛ mo tan,+ efisɛ moapo Yehowa a ɔwɔ mo mu no, na musu guu no so sɛ: “Dɛn nti na yɛafi Egypt aba ha yi?”’”+ 21  Afei Mose kae sɛ: “Nnipa a me ne wɔn wɔ ha yi yɛ mmarima a wɔnam fam mpem ahansia,+ nanso wuse, ‘Mɛma wɔn nam awe ɔsram biako’! 22  Anantwi ne nguan dodow ahe na yebekum ma aso wɔn?+ Na yeyi ɛpo mu mpataa nyinaa mpo ma wɔn a, ɛbɛso wɔn anaa?” 23  Yehowa buaa Mose sɛ: “Wususuw sɛ Yehowa nsa yɛ tiaa anaa?+ Wo de twɛn, na wubehu sɛ nea maka no bɛba mu anaa ɛremma mu.”+ 24  Na Mose de Yehowa asɛm no kɔtoo ɔman no anim. Na oyii mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no mu aduɔson de wɔn begyinaa ntamadan no ho.+ 25  Afei Yehowa sian bae wɔ omununkum+ mu ne no bɛkasae,+ na oyii honhom+ a ɛwɔ no so no bi maa mpanyimfo aduɔson no mu biara. Na bere a honhom no baa wɔn so no, wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo; nanso wɔanyɛ biribi a ɛte saa bio.+ 26  Ɛkaa mmarima no mu baanu wɔ nsraban no mu. Obiako din de Eldad na obiako nso de Medad. Na wɔka wɔn a wɔakyerɛw wɔn din no ho, enti wonyaa honhom no bi, nanso na wonni ntamadan no ho. Na wofii ase yɛɛ wɔn ade sɛ adiyifo wɔ nsraban no mu. 27  Ɛbaa saa no, aberante bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose amanneɛ sɛ: “Eldad ne Medad yɛ wɔn ade sɛ adiyifo wɔ nsraban no mu!” 28  Ɛnna Nun ba Yosua a ofi ne mmeranteberem asom+ Mose no kae sɛ: “Me wura Mose, ma wonnyae!”+ 29  Na Mose bisaa no sɛ: “Adɛn, woretwe ninkunu ama me anaa? Dabi, minyae a anka Yehowa nkoa nyinaa yɛ adiyifo, efisɛ Yehowa de ne honhom bɛma wɔn!”+ 30  Akyiri yi Mose ne Israel mpanyimfo no kɔɔ nsraban no mu. 31  Afei mframa+ kɛse bi bɔ fii Yehowa hɔ, na epiaa nkokɔhwerew fii po so+ baa nsraban no ho nyinaa, benkum ne nifa, bɛyɛ da koro kwan. Ná wosum hɔ fi fam kɔ soro bɛyɛ basafa abien. 32  Da mũ no nyinaa ne anadwo no nyinaa ɔman no sɔre boaboaa nkokɔhwerew ano, na ade kyee no wɔkɔɔ so ara boaboaa ano da mũ no nyinaa. Nea wamfa kɛse koraa no nyaa homar+ du, na wɔhata twaa nsraban no ho nyinaa hyiae. 33  Afei nam no da so ara hyɛ wɔn se ntam a wonnya nwee+ no, Yehowa abufuw pae guu+ ɔman no so, na Yehowa fii ase kunkum nnipa pii.+ 34  Wɔtoo hɔ din Kibrot-Hatawa,+ efisɛ ɛhɔ na wosiee nnipa a wonyaa aduan ho akɔnnɔ bɔne no.+ 35  Wofii Kibrot-Hatawa no, wɔkɔsoɛɛ Haserot+ kakra.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ge 2:​12 ase hɔ asɛm.