Numeri 12:1-16

12  Mose waree Kusni bea, na Kusni bea+ no nti, Miriam ne Aaron kasa tiaa no.  Na wɔkae sɛ: “Mose nkutoo so na Yehowa nam kasa? Ɔmfa yɛn so nkasa bi anaa?”+ Saa bere no nyinaa na Yehowa retie.+  Ná Mose yɛ ɔbarima a odwo+ sen obiara wɔ asase so.  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam sɛ: “Mo baasa nyinaa mmra ahyiae ntamadan no ho.” Enti wɔn baasa kɔe.  Afei Yehowa nam omununkum+ dum mu sian begyinaa ntamadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam, na wɔn baanu kɔe.  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muntie me. Sɛ Yehowa diyifo bi wɔ mo mu a, anisoadehu+ mu na meyi me ho adi akyerɛ no, na dae+ mu na mɛkasa akyerɛ no.  Ɛnte saa wɔ m’akoa Mose ho!+ Mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa.+  Me ne no kasa ano ne ano+ kyerɛ no biribiara fann, na menkasa nkyerɛ no abebu+ mu. Yehowa ankasa yi ne ho adi kyerɛ no.+ Adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”+  Yehowa bo fuw wɔn denneennen, na ofii hɔ kɔe. 10  Afei omununkum no fii ntamadan no so, na hwɛ, kwata yɛɛ Miriam fitaa sɛ sukyerɛmma.+ Bere a Aaron dan ne ho hwɛɛ Miriam no na kwata ayɛ no.+ 11  Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Me wura, yɛadi nkwaseasɛm. Na nhwɛ yɛn bɔne yi so ne yɛn nnni!+ 12  Mesrɛ wo, mma ɔnnyɛ sɛ obi a ofi ne maame yafunu mu bae no na wawu+ ma ne fã asɛe!” 13  Ɛnna Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, mesrɛ wo, sa no yare!”+ 14  Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ ne papa na ɔfee ntasu+ guu n’anim a, anka n’anim rengu ase nnanson? Fa no kosie+ nsraban no akyi+ baabi nnanson, na ɛno akyi no ma ɔnsan mmra.”+ 15  Enti ɔde Miriam kosiee nsraban no akyi baabi nnanson,+ na nkurɔfo no antu amfi hɔ kosii sɛ wɔde no bae. 16  Ɛno akyi no ɔman no tu fii Haserot+ kɔtenaa Paran sare so.+

Ase Hɔ Nsɛm