Numeri 13:1-33

13  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ma mmarima bi nwia wɔn ho nkɔhwɛ sɛnea Kanaan asase no te, asase a mede rema Israelfo no.+ Munyi abusuakuw biara mu otitiriw+ biako na onnyina hɔ mma n’agyanom fie.”  Enti Mose somaa wɔn fii Paran sare so+ sɛnea Yehowa hyɛe no. Na mmarima no nyinaa yɛ Israel mpanyimfo.  Wɔn din ni: Nea osii Ruben abusuakuw ananmu ne Sakur ba Sammua.  Simeon abusuakuw, Hori ba Safat;  Yuda abusuakuw, Yefune ba Kaleb;+  Isakar abusuakuw, Yosef ba Yigal;  Efraim abusuakuw, Nun ba Hosea;+  Benyamin abusuakuw, Rafu ba Palti; 10  Sebulon abusuakuw, Sodi ba Gadiel; 11  Yosef abusuakuw+ mu no, nea osii Manase abusuakuw+ ananmu ne Susi ba Gadi; 12  Dan abusuakuw, Gemali ba Amiel; 13  Aser abusuakuw, Mikael ba Setur; 14  Naftali abusuakuw, Wofsi ba Nabi; 15  Gad abusuakuw, Maki ba Geuel. 16  Mmarima a Mose soma kɔhwɛɛ asase no din ni. Mose de, ɔfrɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yehosua.+ 17  Bere a Mose resoma wɔn akɔ Kanaan asase so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa Negeb+ na montoa so nkɔ bepɔw no so.+ 18  Monkɔhwɛ sɛnea asase no te+ ne nnipa a wɔte so. Monhwɛ sɛ wɔn ho yɛ den anaa wɔn ho nyɛ den, wosua anaa wɔdɔɔso. 19  Afei monhwɛ asase a wɔte so no sɛ eye anaa enye, ne wɔn nkurow a wɔtete mu no sɛ ɛyɛ nsraban anaa abannennen. 20  Monhwɛ sɛ asase no yɛ asase pa anaa awu,+ sɛ nnua wɔ so anaa ebi nni so. Momma mo bo nyɛ duru+ na momfa asase no so nnɔbae no bi mmra.” Saa bere no na bobe+ a edi kan abere. 21  Enti wɔkɔhwɛɛ asase no. Wofi Sina sare so+ kɔɔ Rehob+ kopuee Hamat.+ 22  Wɔkɔfaa Negeb+ baa Hebron.+ Na Anak+ mma Ahiman, Sesai, ne Talmai+ wɔ hɔ. Wɔkyekyee Hebron+ kurow no mfe ason ansa na wɔrekyekye Soan+ a ɛwɔ Egypt no. 23  Bere a wobeduu Eskol+ subon ho no, wotwaa bobe bãã bi a bobe aba wɔ so.+ Wɔhyehyɛe wɔ dua tenten bi so maa mmarima no mu baanu soae, na wɔde granate akutu*+ ne borɔdɔma aba kaa ho. 24  Esiane sɛ Israel mmarima no twaa bobe aba wɔ hɔ nti, wɔtoo hɔ din Eskol+ subon. 25  Adaduanan+ akyi no wofii asase no so bae. 26  Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa anim wɔ Paran sare so wɔ Kades.+ Na wɔbɛkaa nea wohui kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba kyerɛɛ wɔn. 27  Wɔde wɔn amanneɛ bɔɔ no sɛ: “Wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔhwɛ sɛnea asase no te; yɛakɔ aba. Na ampa ara nufusu ne ɛwo sen wɔ so,+ na ɛso aba no bi ni.+ 28  Nanso asɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ, asase no sofo yɛ akantinka, na wɔwɔ nkurow akɛse a wɔabɔ ho ban.+ Yehuu Anak mma no nso wɔ hɔ.+ 29  Amalekfo+ te Negeb+ asase so, na Hitifo ne Yebusifo+ ne Amorifo+ te bepɔw so, na Kanaanfo+ nso te mpoano ne Yordan ho.” 30  Kaleb+ bɔɔ mmɔden sɛ obedwudwo nnipa no koma ma wɔatie Mose, na ɔkae sɛ: “Momma yɛnkɔ, na ɔkwan biara so yebedi wɔn so nkonim afa asase no.”+ 31  Nanso nnipa a wɔne no kɔe no kae sɛ: “Yɛrentumi wɔn efisɛ wɔn ho yɛ den sen yɛn.”+ 32  Wɔkɔɔ so ara de asase a wɔkɔhwɛɛ so no ho amanneɛ a etu koma+ bɔɔ Israelfo no sɛ: “Asase a yɛkɔsraa so no yɛ asase a ɛmene ɛsofo, na nnipa a yehuu wɔn hɔ nyinaa yɛ abran+ a yenhuu wɔn so bi da. 33  Yehuu Nefilimfo no nso wɔ hɔ, Anak mma+ a wofi Nefilimfo mu no. Nokwarem, yɛyɛe sɛ mmebɛw wɔ yɛn ankasa ani so, na saa nso na yɛyɛe wɔ wɔn ani so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ex 28:​33 ase hɔ asɛm.