Numeri 14:1-45

14  Afei nnipa no nyinaa maa wɔn nne so sui+ anadwo no nyinaa.  Na Israelfo fii ase nwiinwii tiaa Mose ne Aaron,+ na asafo no nyinaa kae sɛ: “Sɛ yewuwui wɔ Egypt anaa sare yi so mpo a, anka eye!  Dɛn nti na Yehowa de yɛn reba asase yi so sɛ yemmewuwu wɔ nkrante ano?+ Wɔbɛfa yɛn yerenom ne yɛn mma nketewa.+ So enye mmom sɛ yɛbɛsan akɔ Egypt?”+  Na wɔkae mpo sɛ: “Momma yɛmpaw obi nni yɛn anim nsan nkɔ Egypt!”+  Ɛbaa saa no, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuw fam+ wɔ Israel asafo no nyinaa anim.  Na Nun+ ba Yosua ne Yefune+ ba Kaleb a wɔka wɔn a wɔkɔhwɛɛ asase no ho no sunsuanee wɔn ntade mu.+  Wɔka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Asase a yɛkɔhwɛe no yɛ asase pa ankasa.+  Sɛ yɛanya Yehowa anim dom+ a, ɔbɛhwɛ de yɛn akɔ hɔ na ɔde asase no ama yɛn, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so+ no.  Ahwɛyiye ara na monyɛ na moantew atua antia Yehowa.+ Munnsuro nnipa a wɔte asase no so+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkataso afi wɔn so,+ na yɛn de Yehowa ka yɛn ho.+ Munnsuro wɔn.”+ 10  Nanso asafo no nyinaa kae sɛ wonsiw wɔn abo.+ Na Yehowa anuonyam baa ahyiae ntamadan no so maa Israelfo no nyinaa hui.+ 11  Afei Yehowa bisaa Mose sɛ: “Da bɛn+ koraa na ɔman yi de obu bɛma me,+ na nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔ wɔn mu yi nyinaa akyi no, da bɛn na wobegye me adi?+ 12  Ma memfa owuyare ntɔre wɔn ase na menyɛ wo ɔman kɛse a ɛyɛ den nsen wɔn.”+ 13  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, Egyptfo bɛte sɛ wode wo tumi ayi nnipa yi afi wɔn man mu.+ 14  Na wɔbɛka akyerɛ nnipa a wɔte asase yi so, efisɛ wɔate sɛ wo Yehowa wowɔ ɔman yi mu,+ na woayi wo ho adi akyerɛ wɔn anim ne anim.+ Wone Yehowa, na wo mununkum na ɛkata wɔn so. Na wudi wɔn anim awia wɔ omununkum dum mu, na anadwo nso ogya dum mu.+ 15  Sɛ wukum nnipa yi nyinaa prɛko te sɛ onipa biako+ bi a, aman a wɔate wo ho asɛm no bɛka sɛ, 16  ‘Esiane sɛ Yehowa ntumi mfa ɔman yi nkɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so nti na wakunkum wɔn wɔ sare so no.’+ 17  Enti Yehowa, mesrɛ wo, da wo tumi adi,+ efisɛ wo na wokae sɛ, 18  ‘Yehowa bo kyɛ fuw+ na n’adɔe+ dɔɔso, na ɔde mfomso ne mmarato firi,+ nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.’+ 19  Mesrɛ wo, hwɛ w’adɔe so fa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn, sɛnea wode wɔn bɔne afiri wɔn fi Egypt abesi nnɛ no.”+ 20  Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Nea woaka yi nti mede akyɛ wɔn.+ 21  Nanso mete ase yi, Yehowa anuonyam bɛhyɛ asase nyinaa mã.+ 22  Wɔn a wɔahu m’anuonyam+ ne anwonwade+ ahorow a mayɛ wɔ Egypt ne sare yi so, nanso mpɛn du yi nyinaa wɔasɔ me ahwɛ+ na wɔantie me+ no de, 23  wɔrenhu asase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no. Wɔn a wobu me animtiaa no mu biara nni hɔ a obehu.+ 24  Nanso m’akoa Kaleb+ de, esiane sɛ honhom foforo wɔ no so na ɔde ne koma nyinaa adi m’akyi+ nti, mede no bɛkɔ asase a ɔkɔhwɛɛ so no so, na ɛbɛyɛ n’asefo dea.+ 25  Amalekfo ne Kanaanfo+ tete asasetaw no so, enti ɔkyena monnan mo ho nkɔfa Po Kɔkɔɔ+ no ho nkɔ sare no so.” 26  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 27  “Enkosi da bɛn na memma amumɔyɛfo asafo yi nnwiinwii ntia me?+ Mate anwiinwii a Israelfo nwiinwii tia me no nyinaa.+ 28  Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ Yehowa se ni, “Sɛ mete ase yi, nea moaka ma adu m’asom no, saa ara na mɛyɛ mo!+ 29  Mo a wɔkan mo a moadi mfe aduonu rekɔ a munwiinwii tia me+ nyinaa, mo afunu bɛdeda sare yi so.+ 30  Mo nan rensi asase a memaa me nsa so kaa ntam+ sɛ me ne mo bɛtena so no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+ 31  “‘“Na mo mma nketewa a mokae sɛ asase no sofo bɛfa wɔn+ no, mede wɔn nso bɛkɔ bi, na wobehu asase a moapo no.+ 32  Mo de, mo afunu bɛdeda sare yi so.+ 33  Mo mma bɛyɛ nguanhwɛfo wɔ sare no so+ mfe aduanan, na wɔbɛsoa mo aguamammɔ+ akosi sɛ mo mu nea otwa to bewu ada sare yi so.+ 34  Nna a mode kɔhwɛɛ asase no yɛ adaduanan,+ na mode mfe aduanan bɛsoa mo bɔne.+ Da koro biara bɛyɛ afe+ kosi sɛ mubehu ampa sɛ minni mo akyi bio.+ 35  “‘“Me Yehowa, nea maka sɛ mɛyɛ amumɔyɛfo asafo+ a wɔasɔre atia me yi, sɛ manyɛ a na ɛnyɛ me: Sare yi so na wɔn awiei bɛba, na ɛha na wobewuwu agu.+ 36  Na esiane sɛ mmarima a Mose somaa wɔn kɔhwɛɛ asase no so no de asase no ho amanneɛ a etu koma+ na ɛbae na wɔmaa asafo no nyinaa nwiinwii tiaa no nti, 37  saa mmarima a wɔbɛkaa asase no ho asɛmmɔne no bewu amanehunu wu wɔ Yehowa anim.+ 38  Wɔn a wɔkɔhwɛɛ asase no nyinaa mu no, Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb nko na wɔbɛka.”’”+ 39  Bere a Mose kaa eyi nyinaa kyerɛɛ ɔman no, wɔn nyinaa werɛ howee yiye.+ 40  Afei wɔsɔree anɔpatutuutu sɛ wɔrekɔ bepɔw no so, na wɔkae sɛ: “Yɛbɛforo akɔ faako a Yehowa kaa ho asɛm no, efisɛ yɛayɛ bɔne.”+ 41  Ɛnna Mose kae sɛ: “Dɛn nti na mopɛ sɛ mosɔre tia Yehowa mmara?+ Ɛrensi mo yiye. 42  Monhwɛ na moamforo ankɔ hɔ ankodi nkogu wɔ mo atamfo anim,+ efisɛ Yehowa nka mo ho. 43  Hwɛ, Amalekfo ne Kanaanfo wɔ mo anim,+ na mobɛtotɔ nkrante ano efisɛ moasan afi Yehowa akyi, na Yehowa nso renni mo akyi bio.”+ 44  Nanso wosii wɔn bo sɛ wɔbɛforo akɔ bepɔw no so,+ na Yehowa apam adaka no ne Mose amfi nsraban no mu ankɔ.+ 45  Na Amalekfo+ ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no bɛtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn, na wɔbɔɔ wɔn a wɔaka no hwete kɔɔ Horma+ tɔnn.

Ase Hɔ Nsɛm