Numeri 15:1-41

15  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ mudu asase a mede ama mo sɛ monkɔtena so+ no so,  na mode nantwi anaa oguan bɔ ogya afɔre ma Yehowa+ a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre+ oo, bɔhyɛ ho afɔre oo, afɔre a obi fi ne pɛ mu+ bɔ oo, sɛ ɛyɛ afahyɛ+ bere oo, sɛ mopɛ sɛ ɛyɛ afɔre huamhuam ma Yehowa a,+  ɛsɛ sɛ nea ɔbɛbɔ afɔre no de ngo hin nkyem anan mu biako fɔtɔw esiam muhumuhu+ efa nkyem du mu biako bɔ aduan afɔre nso ma Yehowa.  Na ɔmfa nsã+ hin nkyem anan mu biako nka ɔhyew afɔre anaa oguammaa nini afɔre no ho.  Na sɛ odwennini na ɔde reba a, ɔmfa ngo hin nkyem abiɛsa mu biako mfɔtɔw esiam muhumuhu nkyem du mu abien mmɛbɔ aduan afɔre.  Na ɔmfa nsã hin nkyem abiɛsa mu biako mmɛbɔ afɔre huamhuam mma Yehowa.  “‘Na sɛ ɔde nantwinini bɛbɔ ɔhyew afɔre+ anaa bɔhyɛ afɔre+ anaa asomdwoe afɔre ma Yehowa+ a,  ɔmfa ngo hin fã mfɔtɔw esiam muhumuhu nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini no ho mmɛbɔ aduan afɔre.+ 10  Afei ɔmfa nsã+ hin fã mmɛbɔ ogya afɔre huamhuam mma Yehowa. 11  Bere biara a obi de nantwinini anaa odwennini anaa oguammaa anaa abirekyi bɛba no, saa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ. 12  Dodow biara a mode bɛbɔ afɔre no, saa ara na monyɛ emu biara. 13  Kuromanni biara a ɔbɛbɔ ogya afɔre huamhuam ama Yehowa+ no, saa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no. 14  “‘Sɛ ɔhɔho bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi abɛtena mo mu mo awo ntoatoaso pii mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔre huamhuam ma Yehowa a, sɛnea moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ.+ 15  Ahyɛde koro na ɛda hɔ ma asafo mma ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo no nyinaa.+ Ɛbɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɔhɔho ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ wɔ Yehowa anim.+ 16  Mmara koro ne atemmusɛm koro na ɛda hɔ ma mo ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo no nyinaa.’”+ 17  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ mudu asase a mede mo rekɔ so+ no so, 19  na munya aduan di wɔ asase no so+ a, munyi ntoboa mma Yehowa. 20  Momfa awisiam a edi kan+ ntõ paanoo a ɛte sɛ kawa mmra. Sɛnea mode awiporowbea ayɛyɛde ba no, saa ara na momfa eyi nso mmra. 21  Momfa mo awisiam a edi kan no bi nyɛ ntoboa mma Yehowa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 22  “‘Ebia mfomso bi nti muntumi nni nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa so,+ 23  kyerɛ sɛ nea Yehowa nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, fi da a Yehowa de mmara no mae kosi mo nkyirimma so. 24  Sɛ ɛba sɛ mfomso no yɛ anipaso na asafo no nyinaa nnim a, ɔman no nyinaa mfa nantwinini kumaa biako mmɛbɔ ɔhyew afɔre huamhuam mma Yehowa, ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre sɛnea wɔyɛ daa+ no, na wɔmfa abirekyi ba nso mmɔ bɔne ho afɔre.+ 25  Afei ɔsɔfo no mpata+ mma Israel asafo no nyinaa, na wɔde wɔn bɔne befiri wɔn, efisɛ wɔanhyɛ da na wɔyɛe,+ na wɔde wɔn ayɛyɛde nso aba sɛ wɔmfa mmɔ ogya afɔre mma Yehowa, na wɔmmɔ wɔn bɔne ho afɔre mma wɔn wɔ Yehowa anim. 26  Na wɔde befiri+ Israel asafo no ne ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn no nyinaa, efisɛ ɛyɛ mfomso a ɔman no nyinaa dii a wɔanhyɛ da. 27  “‘Sɛ ɔkra bi anhyɛ da+ na ɔyɛ bɔne a, ɔmfa abirekyibere a wadi afe mmɛbɔ bɔne ho afɔre.+ 28  Ɔsɔfo no mpata mma ɔkra a wanhyɛ da na ɔyɛɛ bɔne wɔ Yehowa anim no. Ɔmpata mma no na wɔmfa mfiri no.+ 29  Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a wabɛsoɛ mo no anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, mmara koro na ɛwɔ hɔ ma wɔn nyinaa.+ 30  “‘Nanso sɛ ɔkra bi hyɛ da yɛ bɔne+ a, wasopa Yehowa,+ enti ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔho oo, wontwa ɔkra a ɔte saa no mfi ne man mu.+ 31  Esiane sɛ wabu Yehowa asɛm animtiaa+ na wabu n’ahyɛde so+ nti, wontwa ɔkra a ɔte saa no nkyene.+ Ɔno ara bɛsoa ne bɔne.’”+ 32  Bere a Israelfo wɔ sare so no, da bi wohuu ɔbarima bi sɛ ɔrepɛ nnyina homeda.+ 33  Na wɔn a wohui sɛ ɔrepɛ nnyina no de no baa Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa anim. 34  Na wɔde no too dan mu+ efisɛ na wɔnkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no. 35  Akyiri yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wonkum+ ɔbarima no; asafo no nyinaa nsiw no abo wɔ nsraban no akyi.”+ 36  Enti asafo no nyinaa de no kɔɔ nsraban no akyi, na wosiw no abo kum no sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no. 37  Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 38  “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ wɔne wɔn nkyirimma nyinaa nyɛ wɔn ntade ano mmɛsã, na wɔmfa ahama bruu nto mmɛsã no ano.+ 39  ‘Na sɛ muhu atade no ano mmɛsã no a, ɛbɛkae mo Yehowa ahyɛde nyinaa+ na moadi so, na moanni mo koma ne mo aniwa akyi+ sɛnea mudi akyi bɔ aguamman+ no. 40  Eyi bɛma moakae m’ahyɛde nyinaa na moadi so ayɛ kronkron wɔ mo Nyankopɔn anim.+ 41  Me Yehowa mo Nyankopɔn na miyii mo fii Egypt asase so na ama moahu sɛ mene mo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”+

Ase Hɔ Nsɛm