Numeri 16:1-50

16  Afei Lewi+ ba Kohat+ ba Yisar+ ba Kora+ ne Eliab+ mma Datan+ ne Abiram+ ne Pelet ba On a wofi Ruben+ abusuakuw mu no sɔre gyinae.  Na wɔne Israel mpanyimfo ahanu aduonum a wɔyɛ baguafo a wɔwɔ din sɔre tiaa Mose.  Wɔsoaa wɔn ho kɔɔ+ Mose ne Aaron so, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛabrɛ mo! Asafo yi nyinaa nso yɛ nnipa kronkron,+ na Yehowa wɔ wɔn mu.+ Adɛn nti na moama mo ho so wɔ Yehowa asafo so saa?”+  Bere a Mose tee saa no, ɔde n’anim butuw fam.  Afei ɔka kyerɛɛ Kora ne ne baguafo no nyinaa sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ nea ɔyɛ ne dea,+ nea ɔyɛ kronkron+ ne nea ɛsɛ sɛ ɔba n’anim,+ na nea obeyi no+ no na ɔbɛba n’anim.  Kora, wo ne wo baguafo nyinaa+ nyɛ eyi: Momfa ogya kukuwa+  na momfa ogya ne aduhuam ngu mu mmra Yehowa anim ɔkyena, na nea Yehowa beyi no+ no, ɔno ne kronkronni. Afei de, mabrɛ mo, Lewi mma!”+  Mose toaa so ka kyerɛɛ Kora sɛ: “Lewi mma, mesrɛ mo muntie.  Mususuw sɛ ɛyɛ ade ketewa sɛ Israel Nyankopɔn ankasa atew mo+ afi Israel asafo yi ho sɛ monyɛ adwuma wɔ Yehowa ntamadan mu na munnyina asafo no anim nsom+ wɔn anaa? 10  Ɛyɛ ade ketewa sɛ wama wo ne wo nuanom Lewifo no abɛn no? Eyi nyinaa akyi no, morepɛ asɔfodi no nso aka ho?+ 11  Ɛyɛ Yehowa na wo ne wo baguafo yi nyinaa asɔre atia no.+ Aaron de, ɔne hena a munwiinwii hyɛ no?”+ 12  Akyiri yi Mose soma kɔfrɛɛ Eliab mma Datan ne Abiram+ sɛ wɔmmra, nanso wɔkae sɛ: “Yɛremma baabiara!+ 13  Woapia yɛn afi ɔman a nufusu ne ɛwo sen wɔ so so sɛ yemmewuwu wɔ sare so.+ Ɛnnɔɔso mma wo, afei wopɛ sɛ wudi yɛn so bakomasɛm nso?+ 14  Asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so+ a wokae sɛ wode yɛn bɛba so na woama yɛn mfuw ne bobeturo no wɔ he? Adɛn, wopɛ sɛ wututu mmarima no ani anaa? Yɛremma baabiara!” 15  Mose tee saa no, ne bo fuwii na ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Nhwɛ wɔn aduan afɔre.+ Minnyee wɔn afurum biako mpo, na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne nso.”+ 16  Afei Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ:+ “Wo ne wo baguafo no nyinaa ne Aaron mmra Yehowa anim+ ɔkyena. 17  Obiara mfa ogya kukuwa na ɔmfa aduhuam ngu so, na obiara mfa ne kukuwa mmra Yehowa anim. Ɛbɛyɛ ogya nkukuwa ahanu aduonum, na wo ne Aaron nso, obiara mfa ne kukuwa mmra.” 18  Enti wɔn mu biara faa ne kukuwa de ogya ne aduhuam guu mu na wobegyinaa ahyiae ntamadan no ano, wɔne Mose ne Aaron. 19  Bere a Kora maa asafo no nyinaa bɔɔ wɔn so gua+ wɔ ahyiae ntamadan no ano no, Yehowa yii n’anuonyam adi kyerɛɛ asafo no nyinaa.+ 20  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 21  “Montwe mo ho+ mfi nkurɔfo yi ho na mensɛe+ wɔn mprempren yi ara.” 22  Wɔtee saa no, wɔde wɔn anim butubutuw fam kae sɛ: “Onyankopɔn, wo a woma honam nyinaa honhom,+ onipa biako bɔne nti wobɛma w’abufuw apae agu asafo yi nyinaa so?”+ 23  Yehowa nso ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24  “Ka kyerɛ asafo no sɛ, ‘Mumfi Kora ne Datan ne Abiram+ ntamadan no ho ntɛm!’” 25  Ɛnna Mose sɔre kɔɔ Datan ne Abiram nkyɛn, na Israel mpanyimfo+ ne no kɔe. 26  Afei ɔka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Montwe mo ho mfi nnipa abɔnefo yi ntamadan ho, na mommfa mo nsa nnka wɔn biribiara+ na wɔampra mo anka wɔn bɔne ho ankɔ.” 27  Na ntɛm ara wɔtwee wɔn ho fii Kora ne Datan ne Abiram ntamadan ho. Na Datan ne Abiram ne wɔn yerenom ne wɔn mmabarima ne wɔn mma nketewa nyinaa fii adi begyinagyinaa wɔn ntamadan ano.+ 28  Afei Mose kae sɛ: “Eyi na ɛbɛma moahu sɛ Yehowa na asoma me sɛ menyɛ eyinom nyinaa,+ na emfi m’ankasa:+ 29  Sɛ nnipa yi wu sɛnea obiara wu anaasɛ asotwe a nnipa nyinaa nya no bi ba wɔn so+ a, ɛnde na ɛnyɛ Yehowa na asoma me.+ 30  Na sɛ Yehowa yɛ biribi foforo+ na ɔma asase bue n’anom mene wɔn+ ne nea wɔwɔ nyinaa ma wɔkɔ Adamoa* mu anikan+ a, afei mubehu ampa sɛ nnipa yi ayɛ Yehowa so aniammɔho.”+ 31  Owiee kasa no ara pɛ na asase a wogyina so no mu paee.+ 32  Afei asase no mu buei na ɛmenee wɔne wɔn fiefo ne Kora ho nnipa ne wɔn agyapade nyinaa.+ 33  Enti wɔne wɔn a wɔka wɔn ho nyinaa wuraa asase mu. Wɔkɔɔ Adamoa mu anikan, na asase kataa wɔn so+ maa wɔn ase hyew fii asafo no mu.+ 34  Afei bere a Israelfo a wɔwɔ hɔ no tee sɛ wɔreteɛteɛm no, wɔn nyinaa guan fii hɔ kae sɛ: “Anhwɛ a na asase amene yɛn nso!”+ 35  Na ogya fi Yehowa hɔ+ bɛhyew mmarima ahanu aduonum a na wokurakura aduhuam no.+ 36  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 37  “Ka kyerɛ ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ onyi ogya nkukuwa+ no mfi ogya no mu, na si so kyerɛ no sɛ, ‘Piapia ogya no fi ho efisɛ ɛyɛ kronkron. 38  Ogya nkukuwa a nnipa a wɔyɛɛ wɔn ankasa kra bɔne+ yi kurakura no yɛ kronkron. Wɔmmobɔ so nyɛ no ntraantraa mfa nkata afɔremuka no ho.+ Esiane sɛ wɔde baa Yehowa anim nti, ɛyɛ ade kronkron. Ma ɛnyɛ sɛnkyerɛnne mma Israelfo no.’”+ 39  Enti ɔsɔfo Eleasar faa ogya nkukuwa+ a nnipa a wɔhyewee no de bae no na ɔbobɔɔ so de yɛɛ ade a wɔde bɛkata afɔremuka no ho. 40  Ɛbɛyɛɛ nkae ade maa Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ onipahunu biara+ a omfi Aaron abusua mu hyew aduhuam wɔ Yehowa anim.+ Afei nso na ɛbɛkae wɔn na obiara anyɛ sɛ Kora ne ne bagua no,+ sɛnea Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ no no. 41  Nanso ade kyee ara pɛ na Israel asafo no nyinaa fii ase nwiinwii tiaa Mose ne Aaron+ sɛ: “Mo saa nkurɔfo yi na moakum Yehowa nnipa.” 42  Afei bere a nnipa no piaa wɔn ho baa Mose ne Aaron so no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ ahyiae ntamadan no. Na Yehowa anuonyam puei.+ 43  Afei Mose ne Aaron begyinaa ahyiae ntamadan no anim.+ 44  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 45  “Mumfi asafo yi mu na mentɔre wɔn ase mprempren yi ara.”+ Na wɔde wɔn anim butubutuw fam.+ 46  Afei Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Yɛ ntɛm, fa ogya kukuwa na yi afɔremuka no so gya no bi gu so+ na fa aduhuam gu so na kɔ asafo no nkyɛn kɔpata ma wɔn,+ efisɛ Yehowa bo afuw.+ Ɔhaw no afi ase!” 47  Ɛhɔ ara na Aaron kɔfaa kukuwa no, sɛnea Mose kae no, na otuu mmirika kɔɔ asafo no mu. Oduu nnipa no mu no, na ɔhaw no afi ase dedaw, na ɔde aduhuam guu so pata maa ɔman no. 48  Afei obegyinaa wɔn a wɔawu ne wɔn a wonwui no ntam,+ na mmusu no gyaee.+ 49  Nnipa a mmusu a ɛbae yi ma wowuwui no nyinaa yɛ mpem dunan ne ahanson. Wɔn a Kora asɛm no nti wowuwui no nka ho. 50  Bere a Aaron san baa Mose nkyɛn wɔ ahyiae ntamadan no ano no, na mmusu no agyae.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.