Numeri 17:1-13

17  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Wo ne Israelfo no nkasa na agyanom fie biara mu panyin+ mma wo poma+ biako. Ne nyinaa bɛyɛ mpoma dumien, sɛnea wɔn agyanom fie te. Na kyerɛw obiara din wɔ ne poma ho.  Kyerɛw Aaron din wɔ Lewifo poma ho, efisɛ abusuapanyin biara de poma biako bɛba ama n’agyanom fie.  Fa ne nyinaa kogu Adanse+ no anim wɔ ahyiae ntamadan no mu, baabi a miyi me ho adi kyerɛ mo+ no.  Afei nea ne poma bɛfefɛw no, ɔno na mapaw+ no. Eyi bɛma anwiinwii bebrebe a Israelfo nwiinwii tia me+ ne mo+ no abrɛ ase.”  Enti Mose ne Israelfo no kasae, na wɔn mpanyimfo no nyinaa de wɔn mpoma maa no, ɔpanyin biara poma biako, na ne nyinaa bɛyɛɛ mpoma dumien, sɛnea wɔn agyanom fie te.+ Ná Aaron poma nso ka wɔn mpoma no ho.+  Mose de mpoma no nyinaa beguu Adanse+ ntamadan no mu wɔ Yehowa anim.  Afei ade kyee a Mose kɔɔ Adanse ntamadan no mu no, na Aaron poma a ɛyɛ Lewi fie de no afefɛw agu nhwiren, na na asow ɔsonkoran aba ma abere.  Na Mose de mpoma no nyinaa fii Yehowa anim bɛkyerɛɛ Israelfo no, na obiara bɛhwɛ yii ne poma. 10  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “San fa Aaron poma+ no kɔto Adanse no anim, na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne+ mma atuatewfo+ no na wɔankɔ so annwiinwii antia me, na wɔanwuwu.” 11  Na Mose yɛɛ nea Yehowa kae no ntɛm ara. Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. 12  Na Israelfo no ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Eyi de, yebewuwu, yɛbɛsɛe, yɛn nyinaa bɛsɛe.+ 13  Obiara a ɔbɛbɛn+ Yehowa ntamadan no bewu!+ Afei de, yɛn awiei ni?”+

Ase Hɔ Nsɛm