Numeri 18:1-32

18  Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Biribiara a obi bɛyɛ atia kronkronbea+ no, wo ne wo mma ne w’agyanom fiefo bɛsoa, na biribiara a obi bɛyɛ atia w’asɔfodi no, wo ne wo mma a wɔka wo ho no bɛsoa.+  Afei fa wo nuanom, Lewi abusuakuw, a wɔyɛ w’agya fiefo no ka wo ho na wɔnsom wo+ ne wo mma wɔ Adanse ntamadan+ no anim.  Adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wo no wɔnyɛ, na adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ntamadan no ho nso wɔnyɛ.+ Nanso kronkronbea hɔ nneɛma anaa afɔremuka no de, ɛnsɛ sɛ wɔba ho na wɔne mo nyinaa anwuwu.+  Wɔnka wo ho nyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma nyinaa, na ɛnsɛ sɛ onipahunu biara bɛn mo.+  Na monhwɛ nyɛ asɛde a wɔde ama mo wɔ kronkronbea hɔ+ ne afɔremuka no ho+ nyinaa na abufuhyew+ amma Israelfo no so bio.  Me nso mayi mo nuanom Lewifo afi Israelfo mu+ ama mo sɛ akyɛde.+ Eyinom na wɔde wɔn ama Yehowa sɛ wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma.+  Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ nyɛ mo asɔfodwuma no pɛpɛɛpɛ, afɔremuka no ne nea ɛwɔ ntwamutam+ no akyi no ho biribiara. Na monsom+ wɔ hɔ. Mede asɔfodi adwuma no ama mo sɛ akyɛde, na onipahunu a ɔbɛbɛn ho no, wonkum no.”+  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Tie, mede afɔrebɔde a wɔde ama me no ahyɛ wo nsa.+ Akronkronne a Israelfo de ama me nyinaa mede ama wo ne wo mma. Ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+  Akronkronne mu ade kronkron a efi ogya afɔre mu bɛyɛ mo kyɛfa. Afɔre biara a ɔman no bɛbɔ ama me te sɛ aduan afɔre,+ bɔne ho afɔre,+ ne asodi afɔre+ bɛyɛ akronkronne mu ade kronkron ama wo ne wo mma. 10  Na munni no baabi a ɛhɔ yɛ kronkron paa.+ Ɛsɛ sɛ ɔbarima biara di bi,+ na ɛnyɛ ade kronkron mma mo.+ 11  Nea ɛbɛyɛ mo dea ni: Wɔn akyɛde no mu bi a wobeyi asi hɔ+ ne nneɛma a Israelfo de bɛbɔ ohim afɔre+ nyinaa. Mede ama wo ne wo mmabarima ne wo mmabea+ sɛ mo kyɛfa daa. Obiara a ne ho tew wɔ wo fie betumi adi bi.+ 12  “Ngo ne nsã foforo ne awi ne aba a edi kan+ mu nea eye a wɔde bɛbrɛ Yehowa nyinaa, mede ama wo.+ 13  Asase no so aba a ebedi kan abere a wɔde bɛbrɛ Yehowa nyinaa bɛyɛ mo dea.+ Obiara a ne ho tew wɔ wo fie betumi adi bi. 14  “Biribiara a wɔahyira so wɔ Israel no bɛyɛ wo dea.+ 15  “Onipa anaa aboa a obue yafunu ano+ biara a wɔde no bɛma Yehowa no bɛyɛ wo dea. Nanso nnipa mu mmakan+ de, ma wontua sika nnye wɔn. Saa ara na aboa a ne ho akum abakan nso ma wontua sika nnye no.+ 16  Wɔn a wɔadi ɔsram biako rekɔ no, wontua nnwetɛbona anum a wɔatwa ato hɔ no mfa nnye wɔn. Dwetɛbona biako biara yɛ gerah aduonu,+ sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 17  Nanso nantwinini anaa odwennini anaa abirekyi a ɔyɛ abakan de, mfa sika nsesa,+ efisɛ ɔyɛ kronkron. Fa ne mogya+ petepete afɔremuka no so, na hyew ne srade sɛ ogya afɔre huamhuam ma Yehowa.+ 18  Afei ne nam no bɛyɛ mo kyɛfa te sɛ aboa nan nifa ne ne koko a wɔde bɔ ohim afɔre no.+ 19  Ntoboa kronkron a Israelfo de bɛbrɛ+ Yehowa nyinaa mede ama wo ne wo mmabarima ne wo mmabea sɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam ma wo ne w’asefo wɔ Yehowa anim daa.”+ 20  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Worennya wɔn asase no bi sɛ agyapade, na worennya kyɛfa biara wɔ wɔn mu.+ Mene wo kyɛfa ne w’agyapade wɔ Israelfo mu.+ 21  “Lewifo no de, mede Israel biribiara mu nkyem du mu biako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapade na ama wɔakɔ so ayɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma daa. 22  Enti mma Israelfo mmmɛn ahyiae ntamadan no ho bio na bɔne biara anka wɔn amma wɔanwuwu.+ 23  Lewifo no nyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma, na bɔne biara a ɔman no bɛyɛ no, wɔn na wɔbɛsoa.+ Na wɔrennya agyapade+ biara wɔ Israelfo mu. Eyi yɛ ahyɛde a mo ne mo nkyirimma nyinaa bedi so daa. 24  Sɛ Israelfo kyɛ wɔn agyapade mu du de biako brɛ Yehowa a, ɛbɛyɛ Lewifo no agyapade. Eyi nti na maka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Wɔrennya agyapade+ biara wɔ Israelfo mu’ no.” 25  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 26  “Ka kyerɛ Lewifo no sɛ, ‘Israelfo no de wɔn nneɛma mu nkyem du mu biako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapade.+ Na mo nso monkyɛ nea mo nsa bɛka no mu du na momfa biako mma Yehowa.+ 27  Na wobebu no sɛ mo ntoboa, te sɛ awi a efi awiporowbea+ ne ngo anaa nsã a efi nsã-kyĩ-amoa mu. 28  Enti mo nso mubeyi ntoboa ama Yehowa afi Israelfo nneɛma mu nkyem du mu biako a mubenya no nyinaa mu. Eyi mu na munyi ntoboa mma Yehowa na ɛnkɔ ɔsɔfo Aaron hɔ. 29  Akyɛde biara a mubenya no, munyi mu nea eye paa+ mma Yehowa. Ɛnyɛ wɔn akronkronne.’ 30  “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ muyi nneɛma no mu nea eye sɛ mo ntoboa+ a, wobebu nea aka no ama Lewifo no te sɛ awi a efi awiporowbea ne ngo anaa nsã a efi nsã-kyĩ-amoa mu. 31  Na wo ne wo fiefo betumi adi no baabiara, efisɛ ɛyɛ adwuma a moyɛ wɔ ahyiae ntamadan no ho no ho akatua.+ 32  Munyi nneɛma no mu nea eye sɛ mo ntoboa na bɔne biara amma mo so, na monhwɛ na moangu Israelfo akronkronne no ho fĩ na moanwuwu.’”+

Ase Hɔ Nsɛm