Numeri 19:1-22

19  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:  “Mmara a Yehowa ahyɛ no mu ahyɛde bi ne sɛ, ‘Ka kyerɛ Israelfo sɛ wɔnhwehwɛ nantwi kɔkɔɔ a ɔte apɔw a dɛm biara nni ne ho+ a wɔmfaa kɔndua ntoo ne kɔn mu+ pɛn mmra.  Momfa mma ɔsɔfo Eleasar na ɔmfa nkɔ nsraban no akyi, na wonkum no wɔ n’anim.  Na ɔsɔfo Eleasar mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu mpete ahyiae ntamadan no anim mpɛn ason.+  Afei wɔnhyew nantwi mũ no nyinaa wɔ n’anim. Ne nhoma, ne ne nam ne ne mogya ne ne bin nyinaa, wɔnhyew.+  Na ɔsɔfo no mfa kyeneduru+ ne sommɛ+ ne koogyan+ na ɔntow ngu ogya a wɔde rehyew nantwi no mu.  Afei ɔsɔfo no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare ansa na waba nsraban no mu, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.  “‘Na nea ɔbɛhyew aboa no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare,+ nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.  “‘Afei obi a ne ho tew nsesaw nantwi no nsõ+ nkogu baabi a ɛhɔ tew wɔ nsraban no akyi. Sɛ ɛho behia sɛ Israel asafo no dwira wɔn ho a, nsõ yi bi na wɔde begu nsu mu adwira wɔn ho.+ Ɛyɛ bɔne ho afɔre. 10  Na nea ɔbɛsesaw nantwi no nsõ no nhoro ne ntade, nanso ne ho begu fĩ akosi anwummere.+ “‘Eyi yɛ ahyɛde a Israelfo ne ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn no bedi so daa.+ 11  Afei obiara a obeso onipa bi funu* mu+ no, ne ho begu fĩ nnanson.+ 12  Da a ɛto so abiɛsa no ɔmfa nsu no bi nnwira ne ho,+ na da a ɛto so ason no ne ho bɛtew. Na sɛ wannwira ne ho da a ɛto so abiɛsa no a, ɛnde da a ɛto so ason no ne ho rentew. 13  Sɛ ɔkra bi wu na obi so funu no mu na wannwira ne ho a, wagu Yehowa ntamadan ho fĩ+ na ɛsɛ sɛ wotwa ɔkra a ɔte saa no fi Israel man mu.+ Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsu+ no bi ampete ne ho nti, ne ho ntew ara. Ɔda so ara wɔ ne fĩ mu.+ 14  “‘Sɛ obi wu wɔ ntamadan bi mu a, mmara a ɛwɔ hɔ ni: Obiara a ɔwɔ ntamadan no mu anaa obiara a ɔbɛba mu no ho begu fĩ nnanson. 15  Na ade biara a ano da hɔ+ a mmuaso nni so no ho ntew. 16  Afei nso sɛ obi wɔ wuram na ɔde ne nsa ka nea wawu wɔ nkrante ano+ anaa efunu anaa onipa dompe+ anaa ɔda bi a, ne ho begu fĩ nnanson. 17  Ɛba saa a, wɔmfa nsõ a wɔsesaw fii baabi a wɔhyew aboa no de bɔɔ bɔne ho afɔre no bi mmra. Wɔmfa ngu ade mu mma nea ne ho agu fĩ no, na wonhwie mmasu ngu so. 18  Afei obi a ne ho tew+ mfa sommɛ+ mmɔ nsu no mu na ɔmfa mpete ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ so. Na sɛ obi ho ka dompe anaa nea wawu wɔ nkrante ano anaa efunu anaa ɔda bi a, ɔmfa bi mpete ne ho. 19  Nea ne ho tew no mfa mpete nea ne ho agu fĩ no so da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, na onnwira ne ho da a ɛto so ason no.+ Afei ɔnhoro ne ntade na onguare na ne ho bɛtew anwummere. 20  “‘Na sɛ obi ho ntew na wannwira ne ho a, ɛnde wontwa ɔkra a ɔte saa no mfi asafo no mu,+ efisɛ Yehowa kronkronbea no na wagu ho fĩ. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsu no bi ampete ne ho nti, ne ho ntew. 21  “‘Wobedi ahyɛde yi so daa: Nea ɔbɛpete ahodwira nsu no nso nhoro ne ntade,+ na nea ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsu no nso nyɛ saa ara. Ne ho begu fĩ akosi anwummere. 22  Na biribiara a nea ne ho agu fĩ no besom no nso ho begu fĩ,+ na ɔkra biara a obeso dekode no mu nso ho begu fĩ akosi anwummere.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ 5:2 ase hɔ asɛm.