Numeri 20:1-29

20  Afei ɔsram a edi kan no mu no, Israel asafo mũ no nyinaa baa Sina sare so,+ na wɔtenaa Kades.+ Ɛhɔ na Miriam+ wu ma wosiee no.  Ná nsu nni hɔ a asafo+ no bɛnom, enti wɔsoaa wɔn ho kɔɔ Mose ne Aaron so.+  Na ɔman no ne Mose hamee,+ na wɔkae sɛ: “Yehui mpo a, anka bere a yɛn nuanom wuwui wɔ Yehowa anim+ no yɛn nso yewuwui bi!  Adɛn nti na mode Yehowa asafo aba sare yi so sɛ yɛne yɛn mmoa mmewuwu?+  Na dɛn nti koraa na mupiaa yɛn fii Egypt baa asase bɔne yi so?+ Aba biara nni ha, borɔdɔma oo, bobe oo, granate akutu oo, biribi a ɛte saa biara nni ha.+ Na nsu a yɛbɛnom nso abɔ yɛn.”  Ɛnna Mose ne Aaron fii asafo no mu baa ahyiae ntamadan no ano, na wɔde wɔn anim butubutuw fam.+ Na Yehowa yii n’anuonyam adi kyerɛɛ wɔn.+  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Fa poma+ no kura na wo ne wo nua Aaron mfrɛ ɔman no nyinaa nhyia. Monkasa nkyerɛ ɔbotan a esi wɔn anim no na nsu befi mu aba. Afei momfa nsu a ebefi ɔbotan no mu aba no mma asafo no ne wɔn mmoa nnom.”+  Enti Mose faa poma no fii Yehowa anim+ sɛnea ɔka kyerɛɛ no no. 10  Ɛnna Mose ne Aaron frɛɛ asafo no nyinaa baa ɔbotan no anim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muntie, mo atuatewfo!+ Ɔbotan yi mu na yɛmma nsu mfi mma mo anaa?”+ 11  Afei Mose maa ne poma no so de bɔɔ ɔbotan no mprenu, na nsu pii ba maa asafo no ne wɔn mmoa nyinaa nomee.+ 12  Akyiri yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Esiane sɛ moannye me anni na moanyɛ me kronkron+ wɔ Israelfo anim nti, moremfa asafo yi nkɔ asase a mede bɛma wɔn no so.”+ 13  Na esiane sɛ Israelfo ne Yehowa hamee nti, wɔfrɛɛ nsu no Meriba,+ na ɔma wohui sɛ ɔyɛ kronkron. 14  Afei Mose tuu nnipa fi Kades kɔɔ Edom hene+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea wo nua Israel+ se ni, ‘W’ankasa wunim amanehunu a yɛafa mu.+ 15  Yɛn agyanom tu kɔɔ Egypt+ na yɛtenaa hɔ nna pii.+ Akyiri yi Egyptfo no fii ase dii yɛne yɛn agyanom ani.+ 16  Afei yesu frɛɛ Yehowa+ na ɔtee yɛn nne, na ɔsomaa ne bɔfo+ beyii yɛn fii Egypt. Seesei yɛabedu Kades wɔ wo hye so. 17  Yɛsrɛ wo ma yentwam mfa w’asase so. Yɛremfa afuw anaa bobeturo biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsu. Yɛbɛfa ɔhene tempɔn so,+ na yɛremman nifa anaa benkum+ kosi sɛ yebetwam afi w’asase so.’” 18  Nanso Edom ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmɛfa ha; anyɛ saa a mede nkrante behyia wo.” 19  Ɛnna Israelfo no bua see no sɛ: “Ɔkwantempɔn no so kɛkɛ na yɛbɛfa, na sɛ yɛne yɛn mmoa nom wo nsu mpo a yebetua ka.+ Nea yɛresrɛ ara ne baabi a yɛde yɛn nan betia.”+ 20  Nanso osii so kae sɛ: “Mmɛfa ha.”+ Na Edom+ boaboaa nnipa pii ano de nsa a ɛyɛ den behyiaa wɔn. 21  Enti Edom amma Israel amfa n’asase so,+ na Israel dan fii ne ho kɔe.+ 22  Afei Israelfo asafo mũ no nyinaa tu fii Kades+ baa Bepɔw Hor+ ho. 23  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔw Hor ho wɔ Edom hye so sɛ: 24  “Wobesie Aaron akɔka ne nkurɔfo ho,+ na ne nan rensi asase a mede bɛma Israelfo no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, motew atua wɔ ahyɛde a mede mae wɔ Meriba nsu ho+ no ho. 25  Fa Aaron ne ne ba Eleasar na wo ne wɔn mmra Bepɔw Hor so. 26  Na yi Aaron ntade+ no fa hyɛ ne ba Eleasar;+ na ɛhɔ na Aaron bewu akɔka n’agyanom ho.”+ 27  Enti Mose yɛɛ nea Yehowa hyɛe no pɛpɛɛpɛ, na wɔforo kɔɔ Bepɔw Hor so wɔ asafo no nyinaa anim. 28  Afei Mose yii Aaron ntade no de hyɛɛ ne ba Eleasar, na Aaron wui wɔ bepɔw no so.+ Na Mose ne Eleasar si fii bepɔw no so bae. 29  Afei asafo no nyinaa hui sɛ Aaron awu, na Israel mmusua nyinaa suu Aaron adaduasa.+

Ase Hɔ Nsɛm