Numeri 21:1-35

21  Na Arad+ hene yɛ Kanaanni a ɔte Negeb,+ na bere a ɔtee sɛ Israelfo nam Atarim kwan so reba no, ɔne wɔn kɔkoe na ɔfaa wɔn mu bi nnommum.  Afei Israel hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ:+ “Sɛ wode saa nkurɔfo yi hyɛ me nsa a, ɛnde me nso mɛsɛe wɔn nkurow pasaa.”+  Yehowa tiee Israel na ɔde Kanaanfo no hyɛɛ ne nsa, na ɔsɛee wɔn ne wɔn nkurow pasaa. Enti wɔtoo hɔ din Horma.+  Bere a wofi Bepɔw Hor+ ho rekɔ no, wɔkɔnwonwan faa Po Kɔkɔɔ no ho twaa Edom+ asase no gyawee. Ɔkwan no nti, na nkurɔfo no kra abrɛ.  Ɛnna nkurɔfo no kasa tiaa Onyankopɔn+ ne Mose sɛ:+ “Dɛn nti na mode yɛn afi Egypt aba sare yi so sɛ yemmewuwu?+ Hwɛ, aduan ne nsu biara nni ha,+ na aduan hunu yi+ afono yɛn kra.”  Enti Yehowa maa awɔ a wɔn ano wɔ bɔre+ baa nkurɔfo no mu bɛkekaa wɔn, na Israelfo pii wuwui.+  Afei nkurɔfo no bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yɛayɛ bɔne+ efisɛ yɛakasa atia Yehowa ne wo. Pa Yehowa kyɛw ma yɛn na ɔmma awɔ no nkɔ.”+ Ɛnna Mose kɔpaa kyɛw maa ɔman no.+  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Yɛ ɔwɔ a ne ho yɛ hu fa sɛn dua so. Na sɛ ɔwɔ ka wɔn mu bi a, ɔmma n’ani so nhwɛ nea ɛsɛn dua so no na onnya nkwa.”+  Enti Mose de kɔbere yɛɛ ɔwɔ+ ntɛm ara de sɛn dua so.+ Afei sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ+ ɔwɔ a wɔde kɔbere ayɛ a ɛsɛn dua so no a, na wanya nkwa.+ 10  Akyiri yi Israelfo tu kɔtenaa Obot.+ 11  Wɔsan tu fii Obot kɔtenaa Ye-Abarim+ wɔ sare so. Na ɛwɔ apuei fam, baabi a ɛne Moab di nhwɛanim. 12  Wofii hɔ kɔtenaa Sered subon+ ho. 13  Wɔsan tu fii hɔ kɔtenaa Arnon+ mpɔtam a ɛwɔ sare a ano kɔpem Amorifo hye so no so. Na Arnon da Moab ne Amorifo ntam. 14  Ɛno nti na wɔakyerɛw wɔ Yehowa Akodi nhoma no mu sɛ: “Waheb a ɛwɔ Sufa ne Arnon nsubon no ho, 15  ne nsubon no ano, nea ɛtrɛw kɔ Ar+ san kɔfa Moab hye so no.” 16  Wofii hɔ kɔɔ Beer.+ Eyi ne abura a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: “Boaboa nkurɔfo no ano na memma wɔn nsu” no.+ 17  Saa bere no Israelfo no too dwom sɛ:+“Asubura, tue! Munnye no so ɛ! 18  Abura yi na akunini tui. Ɔman no mu mmapɔmma na wotui.Wɔde ahempoma,+ wɔn ankasa mpoma na etui.” Afei wofi sare so hɔ kɔɔ Matana. 19  Wofi Matana kɔɔ Nahaliel, na wofi Nahaliel kɔɔ Bamot.+ 20  Wofi Bamot kɔɔ subon a ɛwɔ Moab asase so+ wɔ Pisga+ atifi a ɛkyerɛ Yesimon+ no ho. 21  Afei Israel tuu abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon+ hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: 22  “Mesrɛ wo ma memfa w’asase so. Yɛremfa afuw anaa bobeturo biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsu. Yɛbɛfa ɔhene tempɔn so kosi sɛ yebetwam afi w’asase so.”+ 23  Sihon amma Israelfo no amfa n’asase so,+ mmom ɔboaboaa ne man nyinaa ano kohyiaa Israelfo wɔ sare so, na ɔbaa Yahas+ ne Israel bɛkoe. 24  Israel de nkrante kum no,+ na ɔfaa n’asase+ fi Arnon+ kosii Yabok.+ Ná ɛhɔ bɛn Ammonfo, efisɛ na Yaser+ wɔ Ammonfo hye so.+ 25  Enti Israel faa nkurow yi nyinaa, na wɔbɛtenaa Amorifo+ nkurow mu, Hesbon+ ne ɛho nkurow nyinaa mu. 26  Na Hesbon yɛ Amorifo hene+ Sihon+ kurow. Saa ɔhene yi na ɔne Moab hene koe bere bi, na ogyee ne nsase nyinaa kosii Arnon.+ 27  Ɛno nti na wɔka wɔ kasabebu mu sɛ:“Bra Hesbon.Wɔnkyekye Sihon kurow no mma ne fapem nyɛ den. 28  Ogya bi fi Hesbon aba,+ ogyaframa fi Sihon kurow no mu aba.Ahyew Ar+ a ɛwɔ Moab, Arnon sorɔnsorɔmmea ahwɛfo no. 29  Moab, due! Kemosfo,+ mo ase bɛhyew!Ne mmabarima bɛdan aguanfo na wɔafa ne mmabea nnommum akɔma Amorifo hene Sihon. 30  Momma yɛntow nhyɛ wɔn so.Hesbon ase bɛhyew akosi Dibon,+Na wobekunkum ne mmea akosi Nofa, ne ne mmarima nso akosi Medeba+ tɔnn.” 31  Na Israelfo no tenaa Amorifo+ asase so. 32  Afei Mose soma ma wɔkɔhwɛɛ Yaser.+ Na wɔfaa ɛho nkurow, na wotuu Amorifo a wɔte hɔ no fii so.+ 33  Akyiri yi wɔdan wɔn ho de wɔn ani kyerɛɛ Basan.+ Ɛnna Basan hene Og+ boaa ne dɔm ano behyiaa wɔn wɔ Edrei+ sɛ ɔne wɔn rebɛko. 34  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Nsuro no,+ na mede ɔne ne nkurɔfo nyinaa ne n’asase bɛhyɛ wo nsa+ na woayɛ no sɛnea woyɛɛ Amorifo hene Sihon a na ɔte Hesbon no.”+ 35  Enti wokunkum ɔne ne mma ne ne nkurɔfo nyinaa, na anka onipa biako mpo;+ na wɔfaa n’asase no.+

Ase Hɔ Nsɛm