Numeri 22:1-41

22  Afei Israelfo tu kɔtenaa Moab sare so+ wɔ Yordan agya a ɛhwɛ Yeriko no.  Na Sipor ba Balak+ huu nea Israelfo de yɛɛ Amorifo nyinaa.  Esiane sɛ na Israelfo dɔɔso nti, na Moab suro, na Israelfo ho hu tɔɔ Moab so maa wɔn ani beree.+  Ɛnna Moab ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo+ sɛ: “Saa asafo yi bɛwe nea atwa yɛn ho ahyia nyinaa sɛnea nantwi we sare momono no.” Saa bere no na Sipor ba Balak+ na odi Moab so hene.  Enti ɔsomaa nnipa kɔɔ Petor+ a ɛbɛn asubɔnten kɛse+ a ɛwɔ ne manfo asase so no kɔfrɛɛ Beor ba Balaam+ sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfo bi fi Egypt aba. Na baabiara a wobɛto w’ani ahwɛ biara, wɔahyɛ asase no so mã.+ Wɔadu me hwene ano pɛɛ.  Enti mesrɛ wo bra bɛdome+ wɔn ma me, efisɛ wɔn ho yɛ den sen me. Ebia metumi adi wɔn so apam wɔn afi asase no so, na minim sɛ obiara a wubehyira no benya nhyira, na obiara a wobɛdome no nso benya nnome.”+  Enti Moab ne Midian mpanyimfo faa abisa no ho sika+ kurae, na wɔkɔɔ Balaam+ nkyɛn kɔkaa nea Balak aka no kyerɛɛ no.  Wowiei no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monna ha anadwo yi, na nea Yehowa bɛka biara, mɛba abɛka akyerɛ mo.”+ Enti Moab mpanyimfo no tenaa Balaam nkyɛn.  Afei Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn, na obisaa no sɛ:+ “Nnipa bɛn na wɔwɔ wo nkyɛn yi?” 10  Ɛnna Balaam ka kyerɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: “Sipor ba Balak+ a ɔyɛ Moab hene no na wasoma wɔn aba me nkyɛn sɛ, 11  ‘Nkurɔfo bi fi Egypt aba. Na baabiara a wobɛto w’ani ahwɛ biara, wɔahyɛ asase no so mã.+ Enti bra bɛbɔ wɔn dua ma me.+ Ebia metumi ne wɔn ako apam wɔn afi asase no so.’” 12  Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Nni wɔn akyi nkɔ. Nnome wɔn,+ na wɔyɛ nkurɔfo a wɔahyira wɔn.”+ 13  Na Balaam sɔree anɔpa ka kyerɛɛ Balak mpanyimfo no sɛ: “Monkɔ mo man mu, efisɛ Yehowa mpene so sɛ me ne mo bɛkɔ.” 14  Enti Moab mpanyimfo no sɔre kɔbɔɔ Balak amanneɛ sɛ: “Balaam ampene so ne yɛn amma.”+ 15  Afei Balak somaa mpanyimfo foforo a wɔdɔɔso na wɔn anim yɛ nyam sen wɔn a wodi kan no. 16  Na wɔn nso baa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sipor ba Balak se, ‘Mesrɛ wo, mma biribiara nnsiw wo kwan, bra! 17  Hwɛ, mɛhyɛ wo anuonyam kɛse,+ na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ.+ Enti mesrɛ wo bra bɛbɔ nkurɔfo yi dua ma me.’” 18  Nanso Balaam buaa Balak nkoa no sɛ: “Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ mu mã ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa me Nyankopɔn asɛm so nyɛ ade ketewa anaa kɛse biara.+ 19  Mo nso monna ha anadwo yi na menhwɛ nea Yehowa bɛsan aka akyerɛ me.”+ 20  Na Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ frɛ ara na mmarima yi abɛfrɛ wo a, sɔre na wo ne wɔn nkɔ. Nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo nkutoo na ka.”+ 21  Enti Balaam sɔree anɔpa siesiee n’afurum, na ɔne Moab mpanyimfo no kɔe.+ 22  Bere a Onyankopɔn hui sɛ ɔrekɔ no, ne bo fuwii, na Yehowa bɔfo begyinaa kwan no mfinimfini sɛ obesiw no kwan.+ Nanso ɔno de, na ɔte n’afurum so reba a ne nkoa baanu ka ne ho. 23  Afurum no hui sɛ Yehowa bɔfo atwe ne nkrante gyina kwan no mu,+ enti ɔde n’ani kyerɛɛ wuram. Nanso Balaam hwee afurum no sɛnea ɔbɛsan asi kwan mu. 24  Na Yehowa bɔfo no begyinaa ɔkwan ketewaa bi mu wɔ bobe nturo ntam, na na ɔfasu wɔ benkum ne nifa. 25  Afurum no hui sɛ Yehowa bɔfo no da so gyina hɔ, na ɔkɔfam ɔfasu no ho maa Balaam nan ka miaa ɔfasu no. Eyi ma ɔhwee aboa no bio. 26  Ɛnna Yehowa bɔfo no kɔɔ n’anim kogyinaa ɔkwan ketewaa no mfinimfini, na na wontumi mfa nifa anaa benkum. 27  Na bere a afurum no huu Yehowa bɔfo no, ɔdaa fam wɔ Balaam ase. Enti Balaam bo fuwii+ na ɔde ne poma hwee afurum no. 28  Afei Yehowa buee afurum no ano,+ na obisaa Balaam sɛ: “Mayɛ wo dɛn na woahwe me mprɛnsa yi?”+ 29  Ɛnna Balaam ka kyerɛɛ afurum no sɛ: “Wo tirim yɛ den ntia. Sɛ nkrante bi kura me a, anka sesɛɛ makum wo!”+ 30  Afurum no bisaa Balaam sɛ: “Ɛnyɛ w’afurum ne me? Na wontenaa me so wo nkwa nna nyinaa besi nnɛ? Woahu sɛ mayɛ wo saa pɛn?”+ Ɛnna obuae sɛ: “Dabi!” 31  Afei Yehowa buee Balaam ani,+ na ohui sɛ Yehowa bɔfo kura nkrante gyina kwan no mu. Ɛhɔ ara na ɔde n’anim butuw fam. 32  Ɛnna Yehowa bɔfo no bisaa no sɛ: “W’afurum no ayɛ wo dɛn na woahwe no mprɛnsa yi? Hwɛ! Me na masiw wo kwan, efisɛ woatwiw afa me so.+ 33  Bere a afurum no huu me no, ɔbɔɔ mmɔden mprɛnsa sɛ ɔbɛman afi m’anim akɔ nkyɛn.+ Sɛ wamfi m’anim ankɔ nkyɛn a, anka saa bere yi makum wo+ ma ɔno de, mama ɔnam hɔ.” 34  Balaam tee eyi no, ɔka kyerɛɛ Yehowa bɔfo no sɛ: “Mayɛ bɔne,+ na na minnim sɛ wo na woabehyia me wɔ ɔkwan so. Sɛ wompɛ sɛ mekɔ a, ma mensan.” 35  Nanso Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ,+ na mmom hwɛ sɛ nea mɛka akyerɛ wo nkutoo na wobɛka.”+ Ɛnna Balaam ne Balak mpanyimfo no toaa so kɔe. 36  Balak tee sɛ Balaam aba no, ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa no wɔ Moab kurom wɔ Arnon nsu ano, ɔman no hye so.+ 37  Afei Balak bisaa Balaam sɛ: “Mansoma sɛ wɔmmɛfrɛ wo? Adɛn nti na woamma? Ɛyɛ wo sɛ mintumi nhyɛ wo anuonyam anaa?”+ 38  Ɛnna Balaam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Afei maba. Na me de, dɛn na metumi aka?+ Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ m’ano no, ɛno ara na mɛka.”+ 39  Enti Balaam dii Balak akyi kɔɔ Kiriat-Husot. 40  Afei Balak de anantwi ne nguan bɔɔ afɔre+ na ɔde bi kɔmaa Balaam ne mpanyimfo a wɔka ne ho no. 41  Na ade kyee anɔpa no Balak kɔfaa Balaam de no kogyinaa Bamot-Baal+ na ama wahu nnipa no nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm