Numeri 24:1-25

24  Bere a Balaam hui sɛ Yehowa pɛ sɛ ohyira Israelfo no, wankobisa biribiara antia wɔn bio+ sɛnea na ɔyɛ kan no,+ mmom ɔde n’ani kyerɛɛ sare so.  Balaam maa n’ani so no, ohui sɛ Israelfo aboaboa wɔn ho ano mmusua mmusua+ tete wɔn ntamadan mu, na Onyankopɔn honhom baa no so.+  Afei ɔkae wɔ anwensɛm+ mu sɛ:“Beor ba Balaam asɛm ni,Ɔbarima a osi pi a n’ani gu so,+   Nea ɔtee Onyankopɔn anom asɛm+ no asɛm ni,Nea onyaa ade nyinaa so Tumfoɔ no ho anisoadehu+Bere a ɔrehwe ase a n’ani abue no:+   O Yakob, hwɛ sɛnea wo tenabea yɛ fɛ fa; O Israel, hwɛ sɛnea wo ntamadan yɛ ahomeka fa!+   Ɛtrɛw kɔ akyiri sɛ subon,+Te sɛ turo a ɛda nsu ho.+Ɛte sɛ pɛprɛ nnua a Yehowa atɛw,Te sɛ nkyeneduru a esisi nsu ho.+   Nsu bu fa n’asuhina abien ho,Na n’aba wɔ nsu pii ho.+Ne hene+ bɛkorɔn asen Agag,+Na wɔbɛma n’ahenni so.+   Onyankopɔn de no fi Egypt reba;Wɔba ahoɔhare so sɛ ɛkoɔ.+Ɔbɛwe aman a wɔhyɛ no so no nam,+Ɔbɛbobɔ wɔn nnompe mu,+ na ɔde n’agyan bebubu wɔn pasaa.+   Obutuw fam, na ɔdaa hɔ sɛ gyata;Ɔte sɛ gyata, na hena na ɔbɛpɛ ne ho asɛm akonyan no?+Wobehyira wɔn a wohyira wo,+Na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”+ 10  Afei Balak bo fuw Balaam na ɔbɔɔ ne nsam+ ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Mefrɛɛ wo sɛ bɛbɔ m’atamfo dua+ ma me, nanso wode nhyira aguare wɔn mprɛnsa. 11  Yɛ ntɛm kɔ nea wufi bae. Mekae sɛ mɛhyɛ wo anuonyam,+ nanso Yehowa asiw wo kwan, enti woannya anuonyam no.” 12  Balaam nso bisaa Balak sɛ: “Manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn no sɛ, 13  ‘Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ mu mã ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa asɛm so nyɛ biribiara. Papa oo, bɔne oo, mintumi mfa me pɛ nyɛ biribiara. Na nea Yehowa bɛka no na mɛka’?+ 14  Me de, merekɔ me man mu. Afei bra na menkyerɛ wo+ nea nkurɔfo yi de bɛyɛ wo man wɔ nna no awiei.”+ 15  Afei ɔkae wɔ anwensɛm+ mu sɛ:“Beor ba Balaam asɛm ni,Ɔbarima a osi pi a n’ani gu so asɛm ni,+ 16  Nea wate Onyankopɔn anom asɛm ni,+Onipa a ɔwɔ Ɔsorosoroni no ho nimdeɛ​—Nea onyaa ade nyinaa so Tumfoɔ no ho anisoadehu,+Bere a ɔrehwe ase a n’ani gu so+ no, asɛm ni: 17  Mehu no,+ nanso ɛnyɛ seesei;Mede m’ani behu no, nanso ɛnyɛ ha.Nsoromma+ bi bepue afi Yakob mu,Na ahempoma bi bɛsɔre Israel mu.+Obebubu Moab ti+Na ɔko mma nyinaa, ɔbɛsɛe wɔn tikora. 18  Edom bɛyɛ agyapade,+Seir+ bɛyɛ n’atamfo agyapade,+Na Israel bɛda n’akokoduru adi. 19  Yakob mu na obi befi akodi n’atamfo so,+Na obiara a ɔbɛka kurow no mu no, ɔbɛsɛe no.”+ 20  Bere a ohuu Amalek no, ɔtoaa n’anwensɛm no so kae sɛ:+“Amanaman no mu nea odi kan ne Amalek,+Nanso n’awiei bɛyɛ ɔsɛe.”+ 21  Na ohuu Kenifo+ no, ɔtoaa n’anwensɛm no so sɛ:“Wo tenabea gyina hɔ pintinn, na wo fie wɔ ɔbotan mu. 22  Nanso obi bɛba abɛhyew Kain*+ dwerɛbee.Ɛbɛkyɛ akosi da bɛn bio na Asiria abɛsoa wo akɔ nkoasom mu?”+ 23  Na ɔtoaa n’anwensɛm no so kae sɛ:“Hwɛ, sɛ Onyankopɔn yɛ saa a, hena na obenya ne ti adidi mu?+ 24  Ahyɛn befi Kitim+ mpoano aba,Na wobedi Asiria ani,+Na wobedi Eber ani ankasa.Nanso ɔno nso sɛe bɛba.” 25  Afei Balaam sɔree, na ɔsan kɔe,+ na Balak nso faa ne kwan.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Kenifo.”