Numeri 25:1-18

25  Israelfo beduu Sitim+ no, nnipa no fii ase ne Moab mmabaa bɔɔ aguaman.+  Sɛ wɔrebɔ afɔre ama wɔn anyame+ a, mmea no frɛfrɛ wɔn kɔ ase, enti wodidii na wɔsom wɔn anyame no.+  Enti Israel de ne ho kɔbɔɔ Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuw Israel denneennen.+  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa ɔman no mu atitiriw nyinaa bɛsensɛn wɔn Yehowa anim+ wɔ owia so, na Yehowa abufuw mfi Israel so.”  Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no sɛ:+ “Mo mu biara nkunkum+ ne mmarima a wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Baal-Peor no.”  Saa bere no ara mu no, Israelni barima+ bi kɔfaa Midianni bea+ bi baa ne nuanom mu, Mose ne Israel asafo no nyinaa anim, bere a wogyinagyina ahyiae ntamadan no ano resu no.  Bere a ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Finehas+ huu nea ɛrekɔ so no, ɔyɛɛ ntɛm fii asafo no mu kɔfaa ne peaw.  Odii Israelni barima no akyi kɔɔ ntamadan no mu, na ɔde peaw no wɔɔ Israelni no ne ɔbea no nyinaa ma epuee ɔbea no ayaase. Afei ɔhaw a ɛbaa Israelfo so no to twae.+  Wɔn a ɔhaw no nti wowuwui no dodow yɛ mpem aduonu anan.+ 10  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11  “Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ba Finehas+ asianka m’abufuw+ afi Israelfo no so, efisɛ ɔtwee ninkunu maa me wɔ wɔn mu.+ Eyi amma m’ankasa mantwe ninkunu+ antɔre Israelfo no ase. 12  Enti ka kyerɛ no sɛ: ‘Me ne no bɛyɛ asomdwoe apam. 13  Na ɛbɛyɛ asɔfodi apam daa ama ɔne ne nkyirimma nyinaa,+ efisɛ ɔtwee ninkunu maa ne Nyankopɔn+ de pata maa Israelfo no.’”+ 14  Israelni barima a wokum ɔne Midianni bea no din de Simri, Salu a ɔyɛ panyin+ wɔ Simeon abusuakuw mu no ba. 15  Na Midianni bea a wokum no no din de Kosbi, Sur+ a ɔyɛ panyin wɔ Midianfo+ mmusua no biako mu no ba. 16  Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17  “Monhaw Midianfo no na munkunkum wɔn,+ 18  efisɛ wɔde wɔn nnaadaa+ ne anifere ma moyɛɛ bɔne wɔ Peor.+ Wɔnam Midian abusuapanyin bi babea Kosbi+ so maa moyɛɛ bɔne. Wɔn nuabea yi na wokum+ no da a ɔhaw baa Peor no.”+

Ase Hɔ Nsɛm