Numeri 26:1-65

26  Afei ɔhaw no+ akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ:  “Monkan Israelfo mmarima a wɔadi fi mfe aduonu wɔ wɔn agyanom fie a wobetumi akɔ ɔko wɔ Israel nyinaa.”+  Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar+ ne wɔn kasae wɔ Moab sare so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ sɛ:  “Monkan wɔn a wɔadi fi mfe aduonu sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.”+ Israelfo a wofi Egypt asase so bae no ni:  Ruben a ɔyɛ Israel ba panyin+ no mma mmusua ni: Hanok+ abusua ne Palu+ abusua,  ne Hesron+ abusua ne Karmi+ abusua.  Eyinom ne Ruben asefo mmusua a wɔkan wɔn no. Wɔn nyinaa ano si mpem aduanan abiɛsa, ahanson aduasa.+  Palu ba ne Eliab.  Eliab mma ni: Nemuel ne Datan ne Abiram. Na Datan+ ne Abiram+ yɛ baguafo, na wɔn na wɔkɔkaa Kora+ asafo no ho ne Mose ne Aaron hamee, bere a wɔne Yehowa hamee no. 10  Na asase no mu buei na ɛmenee wɔn.+ Kora nso ne wɔn a wɔka ne ho wui bere a ogya bɛhyew nnipa ahanu aduonum+ no. Wɔbɛyɛɛ sɛnkyerɛnne.+ 11  Nanso Kora mma no de, wɔanwu.+ 12  Simeon+ mma mmusua ni: Nemuel*+ abusua, Yamin+ abusua, Yakin+ abusua, 13  Sera abusua ne Saul+ abusua. 14  Simeon asefo mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonu abien ne ahanu.+ 15  Gad+ mma mmusua ni: Sefon abusua, Hagi abusua, Suni abusua, 16  Osni abusua, Eri abusua, 17  Arod abusua ne Areli+ abusua. 18  Gad mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduanan ne ahanum.+ 19  Yuda+ mma ne Er+ ne Onan.+ Nanso Er ne Onan wui wɔ Kanaan asase so.+ 20  Yuda mma mmusua ni: Sela+ abusua ne Peres+ abusua ne Sera+ abusua. 21  Peres mma ni: Hesron+ abusua ne Hamul+ abusua. 22  Yuda+ mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduɔson asia ne ahanum.+ 23  Isakar+ mma mmusua ni: Tola+ abusua, Puwa abusua, 24  Yasub abusua ne Simron+ abusua. 25  Isakar mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduosia anan ne ahasa.+ 26  Sebulon+ mma mmusua ni: Sered abusua ne Elon abusua ne Yaleel+ abusua. 27  Sebulon mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduosia ne ahanum.+ 28  Yosef+ mma a wɔn din da wɔn mmusua so ne Manase ne Efraim.+ 29  Manase+ asefo nso ni: Makir abusua. Makir+ woo Gilead+, na ɔno nso benyaa Gilead abusua. 30  Gilead mma mmusua ni: Yesa+ abusua, Helek abusua, 31  Asriel abusua, Sekem abusua, 32  Semida+ abusua ne Hefer+ abusua. 33  Na Hefer ba Selofehad annya ɔbabarima biara, mmom ɔwoo mmea nkutoo.+ Selofehad mmabea no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.+ 34  Manase mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonum abien ne ahanson.+ 35  Efraim+ mma mmusua ni: Sutela+ abusua ne Beker abusua ne Tahan+ abusua. 36  Sutela asefo nso ni: Eran abusua. 37  Efraim+ mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduasa abien ne ahanum. Eyinom ne Yosef mma mmusua.+ 38  Benyamin+ mma mmusua ni: Bela+ abusua, Asbel+ abusua, Ahiram abusua, 39  Sefufam abusua ne Hufam+ abusua. 40  Bela nso mma ne Ard ne Naaman:+ Wɔn asefo ne Ard abusua ne Naaman abusua. 41  Benyamin+ mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduanan anum ne ahansia.+ 42  Dan+ mma mmusua ni: Suham abusua; na eyinom na wɔbɛyɛɛ Dan mmusua.+ 43  Suhamfo mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduosia anan ne ahanan.+ 44  Aser+ mma mmusua ni: Yimnah+ abusua ne Yiswi+ abusua ne Beria abusua. 45  Beria mma mmusua ni: Heber abusua ne Malkiel+ abusua. 46  Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Serah.+ 47  Aser+ mma mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahanan.+ 48  Naftali+ mma mmusua ni: Yaseel+ abusua ne Guni+ abusua ne 49  Yeser+ abusua ne Silem+ abusua. 50  Naftali+ mmusua a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduanan anum ne ahanan.+ 51  Israelfo a wɔkan wɔn nyinaa ano si mpem ahansia ne biako, ahanson aduasa.+ 52  Akyiri yi Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 53  “Kyɛ asase no ma nnipa no sɛnea wɔn dodow te.+ 54  Wɔn a wɔdɔɔso no, ma wɔn kɛse, na wɔn a wosua no tew wɔn de so.+ Hwɛ sɛnea wɔn a wɔkan wɔn no dodow te na kyɛ asase no ma wɔn. 55  Wɔmmɔ ntonto+ mfa nkyɛ asase no. Wɔbɛhwɛ nnipa dodow a wɔwɔ abusua biara mu akyɛ agyapade no. 56  Na wɔmmɔ ntonto mfa nkyɛ asase no mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wosua.” 57  Lewi+ mmusua a wɔkan wɔn ni: Gerson+ abusua ne Kohat+ abusua ne Merari+ abusua. 58  Lewifo mmusua ni: Libni+ abusua, Hebron+ abusua, Mahli+ abusua, Musi+ abusua ne Kora+ abusua. Kohat+ woo Amram.+ 59  Na Amram yere din de Yokebed.+ Ɔyɛ Lewi babea a ne yere woo no Egypt. Akyiri yi ɔno nso ne Amram woo Aaron ne Mose ne wɔn nuabea Miriam.+ 60  Aaron nso woo Nadab, Abihu,+ Eleasar ne Itamar.+ 61  Nanso Nadab ne Abihu wui bere a wɔde ogya bi a Yehowa mmaa ho kwan baa n’anim+ no. 62  Na wɔn mu mmarima a wɔadi fi ɔsram biako a wɔkan wɔn no nyinaa ano si mpem aduonu abiɛsa.+ Wɔankan wɔn amfra Israelfo no,+ efisɛ wɔamma wɔn agyapade biara wɔ Israelfo mu.+ 63  Eyinom na Mose ne ɔsɔfo Eleasar kyerɛw wɔn din bere a wɔkan Israelfo wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko+ no. 64  Nanso na wɔn a Mose ne ɔsɔfo Aaron kan wɔn bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no mu ɔbarima biara nka eyinom ho.+ 65  Na Yehowa aka dedaw sɛ: “Wobewuwu wɔ sare so.”+ Enti wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+

Ase Hɔ Nsɛm

“Yemuel” wɔ Ge 46:10; Ex 6:15.