Numeri 27:1-23

27  Na Yosef ba Manase+ ba ne Makir, na Makir nso ba ne Gilead. Na Gilead ba Hefer nso wɔ ba a ɔde Selofehad. Afei Selofehad mmabea+ a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa+ no bae.  Na wobegyinaa ahyiae ntamadan no ano wɔ Mose ne ɔsɔfo Eleasar+ ne mpanyimfo ne asafo no nyinaa anim kae sɛ:  “Yɛn papa wui wɔ sare no so,+ nanso na ɔnka Kora baguafo+ a wɔne Yehowa dii asi no ho. Ɔno ara ne bɔne mu na owui,+ na wannya ɔbabarima biara.  Adɛn na ɔbabarima a yɛn papa nni nti wonyi ne din mfi n’abusua mu?+ Yɛsrɛ mo, momma yɛn agyapade wɔ yɛn papa nuanom mu.”+  Enti Mose de wɔn asɛm no too Yehowa anim.+  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Asɛm a Selofehad mmabea no reka no yɛ ne kwan so. Enti ma wɔn agyapade wɔ wɔn papa nuanom mu. Ma wɔn papa agyapade mmedi wɔn nsam.+  Na ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi wu na onni ɔbabarima a, momfa n’agyapade mma ne babea.  Sɛ onni ɔbabea a, ɛnde momfa n’agyapade mma ne nuabarimanom. 10  Na sɛ onni nuabarimanom a, momfa n’agyapade mma ne papa nuabarimanom. 11  Na sɛ ne papa nni nuabarima biara a, ɛnde momfa n’agyapade no mma ne busuani+ bi a ɔbɛn no. Eyi bɛyɛ atemmusɛm mu mmara ama Israelfo sɛnea Yehowa ahyɛ Mose no.’” 12  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Foro kɔ Abarim+ bepɔw so kɔhwɛ asase a mede bɛma Israelfo no.+ 13  Sɛ wohwɛ wie a, wobesie wo akɔka wo nkurɔfo ho+ sɛnea wosiee wo nua Aaron no,+ 14  efisɛ moyɛɛ m’asɛm ho asoɔden wɔ Sina sare so, na bere a asafo no hamee+ wɔ nsu a ɛwɔ wɔn anim ho no, moanyɛ me kronkron.+ Nsu yi ne Meriba+ a ɛwɔ Kades+ wɔ Sina sare so+ no.” 15  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: 16  “Yehowa, Onyankopɔn a woma honam nyinaa+ honhom,+ paw obi ma onni asafo yi anim,+ 17  obi a obedi wɔn anim de wɔn akɔ na wadi wɔn anim de wɔn aba, nea ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu,+ na Yehowa asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.”+ 18  Enti Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Frɛ Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom+ ahyɛ no mã no, na fa wo nsa gu no so.+ 19  Afei fa no begyina ɔsɔfo Eleasar ne asafo no nyinaa anim, na yɛ no ɔkannifo wɔ wɔn nyinaa anim.+ 20  Na fa w’anuonyam no bi ma no+ na Israel asafo no nyinaa ntie no.+ 21  Ɔsɔfo Eleasar anim na obegyina, na obegyina n’ananmu de Urim*+ abisa+ Yehowa hɔ ade. Sɛ ɔka sɛ wɔnkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra a wɔbɛba, ɔne Israelfo a wɔka ne ho ne asafo mũ no nyinaa.” 22  Mose yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Na ɔde Yosua begyinaa ɔsɔfo Eleasar+ ne asafo no nyinaa anim, 23  na ɔde ne nsa guu no so yɛɛ no ɔkannifo+ sɛnea Yehowa nam Mose so kae no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ex 28:30 ase hɔ asɛm, “Tumim.”