Numeri 29:1-40

29  “‘Na ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, monyɛ nhyiam kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara.+ Ɛbɛyɛ torobɛntohyɛn da.+  Mommɔ afɔre huamhuam mma Yehowa. Momfa nantwinini kumaa biako, odwennini biako, ne nguammaa anini ason a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔw+ mmɔ afɔre no.  Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afɔtɔw mmɔ aduan afɔre. Monkyɛ mu du mfa abiɛsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho,+  na momfa nkyem du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho.+  Afei momfa ɔpapo kumaa biako mmra na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔre mpata mma mo.+  Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre+ ne ɛho aduan afɔre+ a wɔbɔ no ɔsram biara, ne ɔhyew afɔre+ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ no ho, sɛnea wɔyɛ daa no, na ɛnyɛ ogya afɔre huamhuam mma Yehowa.+  “‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no monyɛ nhyiam kronkron,+ na mo kra nni awerɛhow.+ Monnyɛ adwuma biara.+  Afei momfa nantwinini kumaa biako, odwennini biako, ne nguammaa anini ason a wɔn mu biara adi afe+ mmɔ afɔre huamhuam mma Yehowa. Monhwɛ sɛ wɔte apɔw.+  Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afɔtɔw mmɔ aduan afɔre nka ho. Momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho,+ 10  na momfa nkyem du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho.+ 11  Afei momfa abirekyi ba biako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka bɔne ho mpata afɔre+ ne ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre+ no ho. 12  “‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum+ no monyɛ nhyiam kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara,+ na monhyɛ fã nnanson mma Yehowa.+ 13  Momfa anantwinini nkumaa dumiɛnsa, adwennini abien, ne nguammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe mmɛbɔ ɔhyew afɔre,+ ogya afɔre huamhuam, mma Yehowa. Monhwɛ sɛ wɔte apɔw.+ 14  Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre nka ho. Nkyem du mu abiɛsa nka anantwinini dumiɛnsa no mu biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka adwennini no mu biara ho,+ 15  na momfa nkyem du mu biako nka nguammaa dunan no mu biara ho.+ 16  Afei momfa abirekyi ba biako mmɔ bɔne ho afɔre nka ɔhyew afɔre a mobɔ daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre no ho.+ 17  “‘Na da a ɛto so abien no momfa anantwinini nkumaa dumien, adwennini abien, ne nguammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔw+ mmɔ afɔre. 18  Na mommɔ aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ nka anantwinini ne adwennini ne nguammaa no ho, sɛnea wɔyɛ daa+ no. 19  Afei momfa abirekyi ba mmɛbɔ bɔne ho afɔre+ nka ɔhyew afɔre a wɔbɔ daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre no ho.+ 20  “‘Na da a ɛto so abiɛsa no, momfa anantwinini dubiako, adwennini abien, ne nguammaa dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔw+ mmra. 21  Na mommɔ aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ nka anantwinini ne adwennini ne nguammaa no ho sɛnea wɔn dodow te, na monyɛ no sɛnea wɔyɛ daa no. 22  Afei momfa abirekyi biako mmɔ bɔne ho afɔre+ nka ɔhyew afɔre a wɔbɔ daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre no ho. 23  “‘Da a ɛto so anan no momfa anantwinini du, adwennini abien, ne nguammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔw+ mmra. 24  Na mommɔ aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ nka anantwinini ne adwennini ne nguammaa no ho sɛnea wɔn dodow te, na monyɛ no sɛnea wɔyɛ daa no.+ 25  Momfa abirekyi ba biako mmɔ bɔne ho afɔre+ nka ɔhyew afɔre+ a wɔbɔ daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre+ no ho. 26  “‘Da a ɛto so anum no momfa anantwinini akron, adwennini abien, ne nguammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔw+ mmra. 27  Na mommɔ aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ nka anantwinini ne adwennini ne nguammaa no ho sɛnea wɔn dodow te, na monyɛ no sɛnea wɔyɛ daa no.+ 28  Afei momfa abirekyi biako mmɔ bɔne ho afɔre+ nka ɔhyew afɔre a wɔbɔ daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre+ no ho. 29  “‘Da a ɛto so asia no momfa anantwinini awotwe, adwennini abien, ne nguammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔw+ mmra. 30  Na mommɔ aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ nka anantwinini ne adwennini ne nguammaa no ho sɛnea wɔn dodow te, na monyɛ no sɛnea wɔyɛ daa no.+ 31  Afei momfa abirekyi biako mmɔ bɔne ho afɔre+ nka ɔhyew afɔre a wɔbɔ daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre+ no ho. 32  “‘Da a ɛto so ason no momfa anantwinini ason, adwennini abien, ne nguammaa anini dunan a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔw+ mmra. 33  Na mommɔ aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ nka anantwinini ne adwennini ne nguammaa no ho sɛnea wɔn dodow te, na monyɛ no sɛnea wɔyɛ daa no.+ 34  Afei momfa abirekyi biako mmɔ bɔne ho afɔre+ nka ɔhyew afɔre a wɔbɔ daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre+ no ho. 35  “‘Da a ɛto so awotwe no monyɛ nhyiam titiriw.+ Monnyɛ adwumaden biara.+ 36  Momfa nantwinini biako, odwennini biako, ne nguammaa anini ason a wɔn mu biara adi afe a wɔte apɔw+ mmɛbɔ ɔhyew afɔre, ogya afɔre huamhuam, mma Yehowa. 37  Mommɔ aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ nka nantwinini ne odwennini ne nguammaa no ho sɛnea wɔn dodow te, na monyɛ no sɛnea wɔyɛ daa no. + 38  Afei momfa abirekyi biako mmɔ bɔne ho afɔre+ nka ɔhyew afɔre a wɔbɔ daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre+ no ho. 39  “‘Mommɔ afɔre yi nyinaa mma Yehowa wɔ mo afahyɛ ahorow+ ase nka afɔre a mobɔ daa yi ho: bɔhyɛ afɔre+ ne afɔre a mufi mo pɛ mu bɔ+ sɛ ɔhyew afɔre,+ ne mo aduan afɔre,+ ne mo nsã afɔre,+ ne mo asomdwoe afɔre.’”+ 40  Mose kaa nea Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfo no.+

Ase Hɔ Nsɛm