Numeri 30:1-16

30  Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfo mpanyimfo+ a wɔdeda mmusua ano no sɛ: “Nea Yehowa aka ni:  Sɛ ɔbarima bi hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ sɛ obetua ne kra biribi+ a, ɛnsɛ sɛ obu so.+ Ɔnhwɛ nni nea waka no nyinaa so.+  “Na sɛ ɔbea bi hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam sɛ obetua ne kra biribi ne mmabaabere mu wɔ ne papa fie,  na sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no anaa ntam a waka de atua ne kra biribi no na wanka ho hwee a, ne bɔhyɛ no begyina na biribiara a watua ne kra+ no nso begyina.  Nanso sɛ ne papa te ne bɔhyɛ no anaa ntam a waka de atua ne ho biribi no na da no wampene so a, ɛrennyina, na Yehowa de befiri no, efisɛ ne papa ampene so.+  “Na sɛ ɔwɔ kunu na wahyɛ bɔ+ bi anaa ɔde n’ano aka ntanhunu de akyekyere ne kra  na sɛ ne kunu te na da a ɔtee no wanka ho hwee a, ne bɔhyɛ no begyina na ntam a waka de atua ne kra biribi no nso begyina.+  Nanso sɛ da a ne kunu tee no wampene so+ a, ɛnde watwa ne bɔhyɛ ne ntanhunu a waka de akyekyere ne kra no mu, na Yehowa de befiri no.+  “Na ɔbea kunafo anaa nea ne kunu agyaa no de, ntam biara a ɔde akyekyere ne kra no begyina. 10  “Na sɛ ne kunu fie na ɔhyɛɛ bɔ anaa ɔkaa ntam de tuaa ne kra biribi+ 11  na ne kunu tee nanso wanka ho hwee a, ɛkyerɛ sɛ onsiw no kwan. Enti ɛbɔ biara a ɔhyɛe anaa ntam biara a ɔkae de tuaa ne kra biribi no begyina. 12  Nanso sɛ da a ne kunu tee no otwaa bɔ biara a ɔde n’ano ahyɛ anaa ɔde atua ne kra biribi no mu a, ɛnde ɛrennyina.+ Ne kunu atwa mu nti Yehowa de befiri no.+ 13  Bɔhyɛ anaa ahotua ntam biara a ɔde bɛkame ne kra+ biribi no, ne kunu na ɔbɛma no agyina anaa obetwa mu. 14  Nanso sɛ adekyee ne adesae nyinaa ne kunu anka ho hwee a, ɛnde na wama ne bɔhyɛ no nyinaa anaa biribiara a watua ne kra no agyina.+ Esiane sɛ da a ɔtee bɔhyɛ no wanka ho hwee nti, wama agyina. 15  Na sɛ ɔbarima no te, na bere bi akyi otwa mu a, ɛnde ɔbɛsoa ɔbea no bɔne.+ 16  “Eyi ne ahyɛde a Yehowa de maa Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam,+ ne agya ne ne babea ntam bere a ɔwɔ ne mmabaabere mu wɔ ne papa fie no.”+

Ase Hɔ Nsɛm