Numeri 33:1-56

33  Eyi ne Israelfo akwantu ho nsɛm, bere a Mose ne Aaron+ dii wɔn asafodɔm+ anim fii Egypt asase so+ no.  Mose yɛɛ mmeae a wɔsoɛe no nyinaa ho kyerɛwtohɔ sɛnea Yehowa hyɛe no. Sɛnea wɔn akwantu no kɔe ni:+  Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunum+ no, wotu fii Ramese.+ Eyi kyerɛ sɛ da a wodii twam+ no, ade kyee ara na Israelfo de ahosɛpɛw fii Egyptfo nyinaa anim kɔe.+  Saa bere yi nyinaa na Egyptfo ani abere resie wɔn mmakan+ a Yehowa kunkum wɔn no. Na wɔn anyame nso, Yehowa buu wɔn atɛn.+  Enti Israelfo tu fii Ramese+ kɔsoɛɛ Sukot.+  Na wotu fii Sukot kɔɔ Etarm,+ wɔ sare no ano.  Wofi Etarm no, wɔdan wɔn ho de wɔn ani kyerɛɛ Pihahirot+ a ɛwɔ Baal-Sefon+ anim no, na wɔkɔtenaa Migdol+ nkyɛn baabi.  Akyiri yi, wotu fii Pihahirot kɔfaa po no mfinimfini+ kɔɔ sare so,+ na wotwaa kwan nnansa faa Etarm+ sare so kɔsoɛɛ Mara.+  Afei wofi Mara baa Elim.+ Na asuti dumien ne mmedua aduɔson wɔ Elim, enti wɔsoɛɛ hɔ. 10  Akyiri yi, wotu fii Elim kɔtenaa Po Kɔkɔɔ no ho. 11  Afei wofi Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sin sare so.+ 12  Bere a wofii Sin sare so no, wɔkɔɔ Dofka. 13  Akyiri yi, wofi Dofka kɔɔ Alus. 14  Wotu fii Alus kɔɔ Refidim.+ Nanso na nsu nni hɔ a nnipa no bɛnom. 15  Afei wofi Refidim kɔɔ Sinai sare so.+ 16  Bere bi akyi no, wofii Sinai sare so kɔɔ Kibrot-Hatawa.+ 17  Wotu fii Kibrot-Hatawa kɔɔ Haserot.+ 18  Bere a wofii Haserot no, wɔkɔɔ Ritma. 19  Afei wofi Ritma bɛsoɛɛ Rimon-Peres. 20  Wotu fii Rimon-Peres kɔɔ Libna. 21  Akyiri yi, wofi Libna kɔɔ Risa. 22  Wotu fii Risa kɔɔ Kehelata. 23  Afei wofi Kehelata kɔɔ Bepɔw Sefa so. 24  Akyiri yi, wofi Bepɔw Sefa so kɔsoɛɛ+ Harada. 25  Wofi Harada kɔɔ Makelot. 26  Afei wotu+ fii Makelot kɔɔ Tahat. 27  Bere bi akyi no, wofii Tahat kɔɔ Tera. 28  Wotu fii Tera kɔɔ Mitka. 29  Akyiri yi, wofi Mitka kɔɔ Hasmona. 30  Wofi Hasmona kɔɔ Moserot. 31  Afei wotu fii Moserot kɔɔ Bene-Yaakan.+ 32  Wofi Bene-Yaakan nso kɔɔ Hor-Hagidgad. 33  Na wotu fii Hor-Hagidgad kɔɔ Yotbata.+ 34  Wofi Yotbata kɔɔ Abrona. 35  Afei wotu fii Abrona kɔɔ Esion-Geber.+ 36  Wofi Esion-Geber kɔɔ Kades wɔ Sina sare so.+ 37  Akyiri yi, wofi Kades kɔɔ Bepɔw Hor+ so wɔ Edom hye so. 38  Afei ɔsɔfo Aaron kɔɔ Bepɔw Hor so, sɛnea Yehowa hyɛe no, na owui wɔ hɔ. Eyi yɛ bere a Israelfo fii Egypt asase so no afe a ɛto so aduanan, ɔsram a ɛto so anum no da a edi kan.+ 39  Bere a Aaron wui wɔ Bepɔw Hor so no, na wadi mfe ɔha aduonu abiɛsa. 40  Saa bere no, na Arad+ hene a ɔyɛ Kanaanni te Negeb+ wɔ Kanaan asase so, na ɔtee sɛ Israelfo no reba. 41  Afei wofi Bepɔw Hor+ so kɔɔ Salmona. 42  Wotu fii Salmona kɔɔ Punon. 43  Akyiri yi, wofi Punon kɔɔ Obot.+ 44  Afei wofi Obot kɔɔ Ye-Abarim wɔ Moab+ hye so. 45  Na wofi Ayim kɔɔ Dibon-Gad.+ 46  Akyiri yi, wotu fii Dibon-Gad kɔɔ Almon-Diblataim. 47  Na wofi Almon-Diblataim+ kɔɔ Abarim+ mmepɔw so wɔ Nebo+ anim. 48  Afei wofi Abarim mmepɔw so kɔɔ Moab sare so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. 49  Na wɔtenaa Moab sare so wɔ Yordan ho, fi Bet-Yesimot+ kosi Abel-Sitim.+ 50  Afei Yehowa ne Mose kasae wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.+ Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 51  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Morebetwa Yordan akɔ Kanaan asase so.+ 52  Mompam nnipa a wɔtete asase no so nyinaa mfi hɔ, na monsɛe wɔn abo ahoni+ ne dade ahoni+ ne wɔn sorɔnsorɔmmea nyinaa.+ 53  Momfa asase no ntena so, efisɛ mede ama mo sɛ mo agyapade.+ 54  Mommɔ ntonto+ nkyɛ asase no mma mmusua mmusua+ no. Momma wɔn a wɔdɔɔso no nnya kɛse, na wɔn a wosua no, montew wɔn de so.+ Nea ntonto no bɛkyerɛ no, ɛno na ɛbɛyɛ abusua biara de.+ Munnye asase no sɛnea mo agyanom abusuakuw te.+ 55  “‘Na sɛ moampam wɔn a wɔtete asase no so+ nyinaa a, ɛnde wɔn a wɔbɛka hɔ no bɛyɛ sɛ duaa bi a ɛwowɔ mo ani ne nsɔe bi a ɛhyɛ mo honam mu, na wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.+ 56  Sɛ ɛba saa a, nea mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no, mede bɛba mo so.’”+

Ase Hɔ Nsɛm