Numeri 34:1-29

34  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Morekɔ Kanaan asase so.+ Asase yi na ɛbɛyɛ mo agyapade,+ Kanaan ne n’ahye+ nyinaa.  “‘Anafo fam hye no bɛfa Sina sare so wɔ Edom+ ho akosi Nkyene Po+ no ano wɔ apuei fam.  Na ɔhye no bɛdan afi Akrabim+ anafo akɔfa Sina na ɛnam hɔ akɔ Kades-Barnea+ anafo. Ebefi hɔ akɔfa Hasar-Ada+ akɔ Asmon.  Na ɔhye no bɛdan afi Asmon akɔfa Egypt subon+ no ho akɔ Po Kɛse+ no ano.  “‘Atɔe fam hye+ ne Po Kɛse no, mpoano hɔ. Eyi bɛyɛ mo hye wɔ atɔe fam.  “‘Atifi fam ɔhye no ni: Munsusuw mfi Po Kɛse no ano nkosi Bepɔw Hor+ ho.  Afei momfa mfi Bepɔw Hor ho nkɔ Hamat,+ na munsusuw mfi hɔ nkɔ Sedad.+  Na ɔhye no bɛtoa so afi Sifron akosi Hasar-Enan.+ Eyi bɛyɛ mo hye wɔ atifi fam. 10  “‘Afei apuei fam ɔhye no nso, munsusuw mfi Hasar-Enan nkosi Sefam. 11  Momfa mfi Sefam nkosi Ribla wɔ Ain apuei, na emfi hɔ nkɔ Kineret+ po no ho wɔ apuei fam. 12  Na ɔhye no ntoa so nkɔ Yordan nkosi Nkyene Po+ no ho. Eyi ne mo asase+ no ahye nyinaa.’” 13  Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Eyi ne asase a mobɛbɔ ntonto de akyɛ+ no. Saa na Yehowa ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua akron ne fã no.+ 14  Ruben asefo mmusua ne Gad asefo mmusua ne Manase abusuakuw fã no de, wɔanya wɔn agyapade dedaw.+ 15  Mmusua abien ne fã yi anya wɔn agyapade dedaw wɔ Yordan ho wɔ Yeriko apuei fam.”+ 16  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17  “Mmarima a wɔbɛkyɛ asase no ama mo no din ni: Ɔsɔfo Eleasar+ ne Nun+ ba Yosua. 18  Afei munyi ɔpanyin biako mfi abusuakuw biara mu mma wɔnkyɛ asase no.+ 19  Mmarima no din ni: Yuda abusuakuw,+ Yefune+ ba Kaleb; 20  Simeon abusuakuw,+ Amihud ba Semuel; 21  Benyamin abusuakuw,+ Kislon ba Elidad; 22  Dan abusuakuw+ mu no, ɔpanyin a woyii no ne Yogli ba Buki; 23  Yosef mma+ mu no, ɔpanyin a woyii no fii Manase abusuakuw+ mu ne Efod ba Haniel; 24  Efraim abusuakuw+ mu no, ɔpanyin a woyii no ne Siftan ba Kemuel; 25  Sebulon abusuakuw+ mu no, ɔpanyin a woyii no ne Parnak ba Elisafan; 26  Isakar abusuakuw+ mu no, ɔpanyin a woyii no ne Asan ba Paltiel; 27  Aser abusuakuw+ mu no, ɔpanyin a woyii no ne Selomi ba Ahihud; 28  Naftali abusuakuw+ mu no, ɔpanyin a woyii no ne Amihud ba Pedahel.” 29  Eyinom na Yehowa hyɛe sɛ wɔnkyɛ Kanaan asase no mma Israelfo.+

Ase Hɔ Nsɛm