Numeri 35:1-34

35  Na Yehowa ne Mose kasae wɔ Moab sare so, baabi a ɛbɛn Yordan+ wɔ Yeriko no, na ɔkae sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo no na wonyi wɔn nkurow no bi mma Lewifo+ no ntena mu, na wonnyaw mfikyisase nto nkurow no ho nyinaa mma Lewifo no.+  Nkurow no bɛyɛ wɔn atenae, na mfikyisase no ayɛ baabi a wɔn nyɛmmoa ne mmoa foforo nyinaa bedidi ne baabi a wɔde wɔn nneɛma begu.  Asase a mode bɛma Lewifo sɛ mfikyisase no, ɛsɛ sɛ ɛne kurow no fasu ntam yɛ basafa apem. Munsusuw no saa ntwa kurow no ho nyinaa nhyia.  Munsusuw basafa mpem abien wɔ kurow no apuei fam, basafa mpem abien wɔ anafo, basafa mpem abien wɔ atɔe, ne basafa mpem abien wɔ atifi. Munsusuw ne nyinaa ntwa kurow no ho nhyia, na wɔmfa nyɛ wɔn mfikyisase.  “Nkurow a mode bɛma Lewifo no ni: nkurow asia a ɛbɛyɛ guankɔbea+ a sɛ obi kum onipa a obeguan akɔ,+ ne nkurow foforo aduanan abien.  Enti nkurow a mode bɛma Lewifo no nyinaa bɛyɛ aduanan awotwe, emu biara ne n’afikyisase.+  Israelfo no nsam na munnye nkurow no.+ Wɔn a wonyaa pii no, munnye pii, na wɔn a wonyaa kakraa bi no, munnye kakraa bi.+ Obiara nhwɛ nea onyae ho nyi ne nkurow no bi mma Lewifo no.”  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Moretwa Yordan akɔ Kanaan asase so.+ 11  Munyi nkurow a eye ma mo mfa nyɛ guankɔbea na sɛ obi nsa pa kum ɔkra bi+ a, waguan akɔ hɔ. 12  Sɛ obi kum obi a, onguan nkɔ hɔ na nea wawu no busuani*+ ankum onipakumfo no kosi sɛ obegyina asafo no anim ma wɔabu no atɛn.+ 13  Enti nkurow asia a mubeyi no bɛyɛ mo guankɔbea. 14  Munyi nkurow abiɛsa wɔ Yordan fã ha,+ na munyi abiɛsa wɔ Kanaan asase so+ ma ɛnyɛ guankɔbea nkurow. 15  Sɛ ɛba sɛ Israelni anaa ɔhɔho+ anaa otubrafo a ɔte wɔn mu nsa pa na okum ɔkra bi+ a, nkurow asia yi bɛyɛ guankɔbea a obetumi aguan akɔ. 16  “‘Nanso sɛ ɔde dade bɔɔ no na owui a, ɔyɛ owudifo,+ enti munkum no.+ 17  Na sɛ ɔbo a ebetumi akum onipa na ɔtow bɔɔ no ma owui a, ɔyɛ owudifo, enti munkum no. 18  Na sɛ dua a ebetumi akum onipa na ɔde bɔɔ no ma owui a, ɔyɛ owudifo, enti munkum no. 19  “‘Nea wawu no busuani+ na obekum owudifo no; ohyia no a, onkum no. 20  Sɛ ne ho adwemmɔne nti na opiaa no,+ anaa ɔhyɛɛ da kɔtɛw baabi+ na ɔtow ade bɔɔ no ma owui, 21  anaa ɔtan nti na ɔbɔɔ no ma owui a, wonkum no, efisɛ ɔyɛ owudifo. Sɛ nea wawu no busuani hyia owudifo no a, onkum no.+ 22  “‘Nanso ebetumi aba sɛ opiaa no bere a n’ani nna ne ho so na ɛnyɛ ɔtan nti, na wankɔtɛw baabi na ɔtow biribi bɔɔ no.+ 23  Ebia wanhu no na ɔtow ɔbo a etumi kum nnipa bɔɔ no anaa ogyaa mu hwee no so ma owui, bere a onni ne ho tan anaa adwemmɔne biara dedaw. 24  Sɛ ɛba saa a, asafo no nhwɛ mmu nea wakum nipa no ne owufo no busuani no ntam atɛn sɛnea ahyɛde yi te.+ 25  Na asafo no+ nnye nea wakum nipa no mfi obusuani no nsam, na wɔmfa no nkɔ kurow a oguan kɔɔ mu no mu, na ɔntena hɔ nkosi sɛ ɔsɔfo panyin a wɔde ngo kronkron asra no+ no bewu. 26  “‘Nanso sɛ nea wakum nipa no pɛ ne ho asɛm tra kurow a waguan kɔ mu no hye 27  na nea wawu no busuani+ hyia no kurow no hye akyi na okum no a, onni mogya ho fɔ. 28  Ɛsɛ sɛ anka ɔyɛ komm tena guankɔbea kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu+ ansa na wakɔ n’asase so. 29  Eyi bɛyɛ ahyɛde ama mo ne mo nkyirimma nyinaa, baabi a mote biara. 30  “‘Sɛ obi bɔ ɔkra bi ma owu a, adansefo anom asɛm so+ na wonnyina nkum no sɛ owudifo.+ Ɛnsɛ sɛ wogyina onipa biako adanse so kum ɔkra bi. 31  Owudifo a ɛsɛ sɛ owu+ de, mommfa biribiara nnnye ne kra. Twa ara na etwa sɛ mukum no.+ 32  Na sɛ obi guan kɔ guankɔbea kurow no mu a, munnnye agyede biara sɛ ɔnsan nkɔ n’asase so ansa na ɔsɔfo panyin no awu. 33  “‘Monhwɛ na moamfa fĩ anka asase a mote so no, efisɛ mogya na ɛma asase ho gu fĩ.+ Sɛ obi ka mogya gu wɔ asase no so a, morentumi mfa biribiara mpata gye nea odii awu no mogya.+ 34  Mommma abusude biara mmma asase a me ne mo te so no so, efisɛ me Yehowa, mete Israelfo mu.’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “mogya ho weredifo.”