Numeri 4:1-49

4  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:  “Monkan Lewi ba Kohat asefo+ nhu dodow a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom fie.  Monkan mfi wɔn a wɔadi mfe aduasa+ kosi mfe aduonum+ so a wotumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔakɔyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu.+  “Eyi ne adwuma a Kohat asefo bɛyɛ wɔ ahyiae ntamadan no mu.+ Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron:  Sɛ ɛba sɛ Israelfo retu a, Aaron ne ne mma no bɛba abeyi ntwamutam+ no de akata adanse adaka+ no ho.  Afei wɔde sukraman nhoma+ bɛkata so de ntama bruu agu so, na wɔde ɛho nnua no ahyehyɛ mu.+  “Wɔde ntama bruu bɛsɛw pon+ a wɔhyehyɛ paanoo wɔ so no so, na wɔde nyowa+ ne nkuruwa ne nyaawa+ ne mpɔre a wɔde behwie nsã besisi so. Na daa paanoo+ no nsisi so.  Afei wɔde koogyan+ begu so de sukraman nhoma+ akata so na wɔde ɛho nnua no ahyehyɛ mu.+  Na wɔde ntama bruu bɛkata kaneadua+ no ne ɛho akanea,+ ne afagya+ ne ogya kukuwa,+ ne ade+ a wɔde kanea ngo gu mu no nyinaa so. 10  Afei wɔde sukraman nhoma+ nkataso bɛfa ɛno ne ɛho nneɛma nyinaa ho de ato dua so. 11  Ɛno akyi no, wɔde ntama bruu bɛfa sika afɔremuka+ no ho, na wɔde sukraman nhoma+ bɛkata so de ɛho nnua ahyehyɛ mu.+ 12  Na wɔde ntama bruu bɛkata nneɛma+ a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa so, na wɔde sukraman nhoma+ bɛfa ho de ato dua so. 13  “Afei wɔnsesaw afɔremuka+ no mu nsõ* nyinaa mfi mu, na wɔmfa tankɔkɔɔ nsɛw so. 14  Na wɔde afɔremuka no ho nneɛma+ a wɔde yɛ adwuma nyinaa, ogya kukuwa, adinam, sofi, ne nyaawa begu so. Afei wɔde sukraman nhoma bɛfa ho de ɛho nnua ahyehyɛ mu.+ 15  “Sɛ Israelfo retu a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea+ no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ho ansa na Kohat asefo no abɛsoa.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ kronkronbea no na wɔanwu. Ahyiae ntamadan no mu nneɛma yi na Kohat asefo no bɛsoa.+ 16  “Ɔsɔfo Aaron ba Eleasar na ɔbɛhwɛ+ ngo+ a wɔde begu kanea mu ne aduhuam+ ne daa aduan afɔrebɔde+ ne ɔsrango+ no so. Ɔno na ɔbɛhwɛ ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa so, kyerɛ sɛ kronkronbea no ne ɛho nneɛma nyinaa.” 17  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 18  “Monhwɛ na wɔantwa Kohat fiefo+ amfi Lewi abusuakuw mu. 19  Monyɛ eyi mma wɔn na wɔatena nkwa mu na wɔamma akronkronne+ mu ade kronkron no ho ammewuwu. Aaron ne ne mma nni kan mmra na wɔnkyerɛ obiara n’adwuma ne n’adesoa. 20  Ɛnsɛ sɛ wɔba hɔ ma wɔn ani bɔ akronkronne no so koraa na wɔanwu.”+ 21  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 22  “Monkan Gerson asefo+ nhu dodow a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom fie. 23  Monkan mfi wɔn a wɔadi mfe aduasa kosi mfe aduonum so+ a wotumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔnkɔsom wɔ ahyiae ntamadan no mu. 24  Eyi ne adwuma a Gerson asefo bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa:+ 25  Wɔn na wɔbɛsoa ntama+ a wɔde ayɛ kronkronbea no, kyerɛ sɛ ahyiae ntamadan+ no, ne nea ɛkata so,+ ne sukraman nhoma a egu so,+ ne ntama a ɛsɛn+ ahyiae ntamadan no anim, 26  ne adiwo no ho ntama,+ ne ntama a ɛsɛn+ adiwo no kwan ano, baabi a wɔfa ba ntamadan no mu ne afɔremuka no ho, ne ɛho nhama ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa, ne biribiara a wɔde yɛ adwuma. Wɔn na wɔbɛyɛ eyinom. 27  Gerson asefo+ nnwuma nyinaa, nea wɔbɛsoa ne nea wɔbɛyɛ biara no, Aaron ne ne mma+ bɛka ma wɔayɛ. Na biribiara a ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔsoa no, momfa nhyɛ wɔn nsa. 28  Eyi ne ahyiae ntamadan no ho adwuma a Gerson fiefo+ bɛyɛ, na ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ adwuma no so.+ 29  “Na monkan Merari asefo+ nso nhu dodow a wɔwɔ wɔn mmusua mu ne wɔn agyanom fie. 30  Monkan mfi wɔn a wɔadi mfe aduasa kosi mfe aduonum so a wotumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔnkɔsom wɔ ahyiae ntamadan no mu.+ 31  Wɔn asɛde+ ne sɛ wɔbɛsoa ahyiae ntamadan no ho nneɛma yi nyinaa: ntamadan no nnua+ ne nea ɛbeabea mu+ ne ɛho adum+ ne ne nnyinaso,+ 32  ne adum+ a ɛwɔ adiwo hɔ nyinaa ne ne nnyinaso+ ne ɛho mpɛɛwa+ ne nhama ne ɛho nneɛma nyinaa. Mommobɔ din mfa wɔn nnesoa nhyɛ wɔn nsa.+ 33  Eyi ne ahyiae ntamadan no ho adwuma a Merari fiefo+ bɛyɛ, na ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ adwuma a wɔbɛyɛ no so.”+ 34  Na Mose ne asafo no mu atitiriw+ no kan Kohat asefo+ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie, 35  wɔn a wɔadi fi mfe aduasa+ kosi mfe aduonum+ so a wotumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔnkɔsom wɔ ahyiae ntamadan no mu.+ 36  Wɔn mmusua a wɔkan wɔn no ano si mpem abien ahanson aduonum.+ 37  Eyinom ne Kohat fie mmusua a wɔyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma nyinaa a wɔkan wɔn; wɔn na Mose ne Aaron kan wɔn+ sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no. 38  Na wɔkan Gerson asefo+ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie, 39  wɔn a wɔadi fi mfe aduasa kosi mfe aduonum so a wotumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔnkɔsom wɔ ahyiae ntamadan no mu.+ 40  Wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie a wɔkan wɔn no ano si mpem abien ahansia aduasa.+ 41  Eyinom ne Gerson fie mmusua a wɔyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma nyinaa a Mose ne Aaron kan wɔn sɛnea Yehowa hyɛe no.+ 42  Na wɔkan Merari asefo ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie, 43  wɔn a wɔadi fi mfe aduasa kosi mfe aduonum a wotumi de wɔn yɛ adwuma nyinaa, na wɔnkɔsom wɔ ahyiae ntamadan no mu.+ 44  Na wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie a wɔkan wɔn no ano si mpem abiɛsa ne ahanu.+ 45  Eyinom ne Merari fie mmusua a Mose ne Aaron kan wɔn sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.+ 46  Enti Lewifo mmusua ne wɔn agyanom fie a Mose ne Aaron ne Israel mpanyimfo kan wɔn no, 47  wɔn a wɔadi fi mfe aduasa kosi mfe aduonum+ a wɔbɛyɛɛ adwumaden soaa ahyiae ntamadan no ho nneɛma nyinaa,+ 48  wɔn a wɔkan wɔn no ano si mpemnwɔtwe ahanum aduɔwɔtwe.+ 49  Sɛnea Yehowa hyɛe no, Mose kan wɔn de wɔn nnwuma ne wɔn nnesoa hyehyɛɛ wɔn nsa. Wɔkan wɔn sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Ex 27:3 ase hɔ asɛm.