Numeri 5:1-31

5  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ sɛ obi a ɔyare kwata+ anaa ne ho nsu sen+ anaa efunu* agu ne ho fĩ+ wɔ wɔn mu a, wonyi no mfi nsraban no mu.  Ɔbarima oo, ɔbea oo, munyi no mfi mo mu. Munyi no nkɔ nsraban no akyi+ na wɔangu wɔn a mete wɔn mu+ no tenabea hɔ fĩ.”+  Israelfo no yɛɛ saa, na woyii wɔn kɔɔ nsraban no akyi. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, saa ara na Israelfo no yɛe.  Yehowa ka kyerɛɛ Mose bio sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi anni Yehowa nokware na ɔkɔyɛ bɔne a nnipa taa yɛ no bi a, asodi da saa ɔkra no so.+  Ɔnka ne bɔne+ na ontua nea wayɛ no ho ka; afei ɔmfa sika no nkyem anum mu biako nka ho+ mpata nea ɔyɛɛ no bɔne no.  Na sɛ obusuani biara nni hɔ a obetua asodi ho mpata sika no ama no a, ɛnde ɔmfa sika no mmrɛ Yehowa na ɔsɔfo no mfa; nanso ɔde odwennini a wɔde bɔ asodi afɔre no bɛpata ama ɔbɔnefo no.+  “‘Na akronkronne+ biara a Israelfo beyi sɛ ntoboa+ ama ɔsɔfo no bɛyɛ ne dea.+ 10  Obiara akronkronne bɛyɛ ne dea; nea obiara de bɛma ɔsɔfo no bɛyɛ ne dea.’” 11  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Ebia ɔbarima bi yere befi n’akyi+ 13  ma ɔbarima foforo ne no ada na ɔde ne ho nsu ama no,+ nanso ne kunu anhu na wante ho hwee.+ Wagu ne ho fĩ de, nanso ɔdansefo biara nni hɔ a ɔbɛka ho asɛm, na obiara nkyeree no. 14  Sɛ ɛba sɛ ninkuntwe honhom+ bɛhyɛ ɔbarima no mu na ne tirim nteɛ no wɔ ne yere ho na ɔbea no agu ne ho fĩ ampa oo, sɛ ninkuntwe honhom bɛhyɛ ɔbarima no mu na ne tirim nteɛ no wɔ ne yere ho na ɔbea no nguu ne ho fĩ oo, 15  ɔbarima no mfa ne yere no mmrɛ ɔsɔfo+ no na ɔmfa atokosiam efa susude nkyem du mu biako nka ho sɛ ɔbea no ayɛyɛde. Ɛnsɛ sɛ ohwie ngo gu so na ɔmmfa ɛhyɛ nnka ho,+ efisɛ ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre, nkae aduan afɔre a wɔde kae bɔne. 16  “Afei ɔsɔfo no mfa ɔbea no mmegyina Yehowa anim.+ 17  Na ɔsɔfo no mfa nsu kronkron ngu kuku mu, na ɔnsaw ntamadan mu hɔ mfutuma no bi ngu nsu no mu. 18  Ɔsɔfo no mfa ɔbea no mmegyina Yehowa anim na ɔnsan ne ti nhwi. Na ɔmfa nkae aduan afɔre a ɛyɛ ninkuntwe ho aduan afɔre+ no nhyɛ ɔbea no nsam, na ɔsɔfo no mfa nsu nwenenwene a ɛde nnome ba+ no nkura. 19  “‘Afei ɔsɔfo no mma ɔbea no nka ntam, na ɔnka nkyerɛ no sɛ: “Sɛ ɔbarima biara ne wo nnae, na wumfii wo kunu akyi+ nkɔyɛɛ afide biara a, ɛnde nsu nwenenwene a ɛde nnome ba yi renyɛ wo hwee. 20  Nanso sɛ woafi wo kunu akyi+ akogu wo ho fĩ na ɔbarima foforo de ne ho nsu ama wo+ wɔ wo kunu akyi a,​—” 21  Afei ɔsɔfo no mma ɔbea no nka ntam,+ na ɔnka nkyerɛ no sɛ: “Yehowa mma w’ase+ ntwintwam na w’afuru nhon, na Yehowa mma wonyɛ nnome ne ntanka ho nhwɛsode wɔ wo man mu. 22  Na nsu a ɛde nnome ba yi bɛkɔ wo nsono mu na ɛbɛma w’afuru ahon na w’ase atwintwam.” Afei ɔbea no nka sɛ: “Amen! Amen!” 23  “‘Ɔsɔfo no nkyerɛw nnome yi ngu nhoma so+ na ɔnhohoro+ ngu nsu nwenenwene no mu. 24  Ɔmfa nsu nwenenwene a ɛde nnome ba+ no mma ɔbea no nnom na nsu a ɛde nnome ba no nyɛ nwenenwene wɔ ne mu. 25  Afei ɔsɔfo no nnye ninkuntwe ho aduan afɔre+ no mfi ɔbea no nsam na onhim aduan afɔre no wɔ Yehowa anim, na ɔmfa mmra afɔremuka no ho. 26  Ɔsɔfo no mfa ne nsa nsaw aduan afɔrebɔde no bi mfa nyɛ nkae ade+ na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so, na ɛno akyi no ɔmma ɔbea no nnom nsu no. 27  Sɛ ɔma ɔbea no nom nsu no na sɛ ampa wafi ne kunu akyi akɔyɛ biribi de agu ne ho fĩ+ a, nsu a ɛde nnome ba no bɛyɛ nwene wɔ ne mu, n’afuru bɛhon na n’ase atwintwam, na ɔbɛyɛ nnome ho nhwɛsode wɔ ne man mu.+ 28  Nanso sɛ ɛba sɛ ɔbea no nguu ne ho fĩ na ne ho tew a, ɛnde asodi biara nna ne so+ na ne kunu mma onnyinsɛn. 29  “‘Eyi ne ninkuntwe+ ho mmara a ɛwɔ hɔ. Sɛ ɔbea bi fi ne kunu akyi+ na ogu ne ho fĩ, 30  anaasɛ ninkuntwe honhom bɛhyɛ ɔbarima bi so na ne tirim nteɛ no wɔ ne yere ho a, ɔmma ɔbea no mmegyina Yehowa anim na ɔsɔfo no nyɛ no sɛnea mmara yi kyerɛ. 31  Ɔbarima no de, ɔnyɛɛ bɔne biara, ɔyere no mmom na ɔbɛsoa ne bɔne.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “ɔkra a wawu.”