Numeri 6:1-27

6  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi hyɛ bɔ titiriw bi sɛ obetu ne ho asi hɔ ama Yehowa sɛ Nasirini*+ a,  ɔntwe ne ho mfi bobesa ne mmosã biara ho. Ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa nyinyanyinya anaa mmosã nyinyanyinya+ anaa bobe mu nsu biara, na ɛnsɛ sɛ odi bobe momono anaa nea awo biara nso.  Nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini nyinaa, ɛnsɛ sɛ odi bobe ho ade biara, bobe bun oo, ne hono oo, onnni.  “Nna a wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Nasirini no nyinaa ɔnhwɛ na wamfa oyiwan anka ne ti+ kosi sɛ nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no bɛba awiei. Ɛsɛ sɛ ogyaw ne ti nhwi+ ma efuw de kyerɛ sɛ ɔyɛ kronkron.  Na nna a watu ne ho asi hɔ ama Yehowa no nyinaa ɔnhwɛ na wammɛn efunu* biara.+  Sɛ ne papa anaa ne maame anaa ne nuabarima anaa ne nuabea mpo wu a, ɛnsɛ sɛ ɔma ne ho gu fĩ,+ efisɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini ma Onyankopɔn no wɔ ne ti so.  “‘Nna dodow a ɔyɛ Nasirini no, ɔyɛ kronkron ma Yehowa.  Nanso sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn+ mpofirim ma sɛnkyerɛnne a ɛwɔ ne ti so sɛ Nasirini no ho gu fĩ a, ɛsɛ sɛ da a obedwira ne ho no oyi ne ti nhwi+ nyinaa. Da a ɛto so ason no na onyi. 10  Na da a ɛto so awotwe no ɔmfa mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien mmrɛ ɔsɔfo no wɔ ahyiae ntamadan no ano.+ 11  Ɔsɔfo no mfa biako mmɔ bɔne ho afɔre+ na ɔmfa biako mmɔ ɔhyew afɔre+ mfa mpata mma no, efisɛ ɔkra a wawu no ama wayɛ bɔne. Na ɔntew ne ti ho mma ɛnyɛ kronn da no ara. 12  Nna a obetu ne ho ama Yehowa sɛ Nasirini+ no nyinaa, ɔntena ase sɛ Nasirini. Afei ɔmfa odwennini kumaa a wadi afe mmɛbɔ asodi afɔre.+ Na nna a edi kan a ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no nyinaa ahyew agu, efisɛ wagu ne ho fĩ. 13  “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini ni: Sɛ nna a ɔbɛtena ase sɛ Nasirini no ba awiei+ a, wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano. 14  Ɔmfa odwennini biako a wadi afe a ɔte apɔw mmɛbɔ ɔhyew afɔre+ mma Yehowa na ɔmfa oguammere biako a wadi afe a ɔte apɔw mmɛbɔ bɔne ho afɔre+ na ɔmfa odwennini biako a ɔte apɔw nso mmɔ asomdwoe afɔre.+ 15  Afei ɔmfa ngo mfra+ esiam muhumuhu+ nyɛ paanoo a mmɔkaw nnim a ɛte sɛ kawa, ne paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim a wɔde ngo asra ho,+ ne aduan+ ne nsã+ a ɔde bɛbɔ afɔre ngu ade mu mmra. 16  Ɔsɔfo no mfa mmra Yehowa anim mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre ne ne hyew afɔre+ mma no. 17  Afei ɔmfa odwennini no ne paanoo a mmɔkaw nnim no mmɔ asomdwoe afɔre+ mma Yehowa, na ɔsɔfo no mfa aduan+ ne nsã no nso mmɔ afɔre. 18  “‘Nasirini no nyi ne ti nhwi+ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Nasirini no wɔ ahyiae ntamadan no ano, na ɔmfa nhwi no ngu ogya a ɔde rebɔ asomdwoe afɔre no mu. 19  Bere a Nasirini no ayi ne nhwi a ɛyɛ ne bɔhyɛ no ho sɛnkyerɛnne awie no, ɔsɔfo no mfa odwennini no basa a wanoa+ ne paanoo a ɛte sɛ kawa a mmɔkaw nnim biako ne paanoo tratraa a mmɔkaw nnim+ biako ngu Nasirini no nsam. 20  Ɔsɔfo no nhim sɛ ohim afɔre mma Yehowa.+ Ɛno ne aboa a wɔde bɔɔ ohim afɔre no koko+ ne ne nan+ a ɛyɛ afɔrebɔde no yɛ ade kronkron ma ɔsɔfo no. Afei Nasirini no betumi anom nsã.+ 21  “‘Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini+ a wahyɛ bɔ ne afɔre a ɔbɛbɔ ama Yehowa de aka biribi a obetumi de ama biara ho. Bɔ a wahyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa sɛnea mmara a wɔde ama Nasirifo te.’” 22  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23  “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Munhyira+ Israelfo nka nkyerɛ wɔn sɛ: 24  “Yehowa nhyira mo+ na ɔnhwɛ mo so.+ 25  Yehowa ntew n’anim mma mo+ na ɔnnom mo.+ 26  Yehowa mma ne ti so nhwɛ mo+ na ɔmma mo asomdwoe.”’+ 27  Wɔmfa me din+ nto Israelfo so na minhyira wɔn.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛkyerɛ “obi a watu ne ho asi hɔ, watew ne ho, watua ne ho biribi, anaa wahyira ne ho so.”
Nea ɛkyerɛ ankasa ne “ɔkra a wawu.”