Numeri 7:1-89

7  Da a Mose sii ntamadan+ no wiei no, ɔsraa+ dan no ne emu nneɛma nyinaa ne afɔremuka no ne ɛso nneɛma nyinaa, na ɔtew ho yɛɛ no kronkron. Enti ɔsraa nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa maa ne nyinaa bɛyɛɛ kronn.+  Afei Israelfo mpanyimfo+ a wɔdeda wɔn agyanom fie ano no gyinaa wɔn mmusua a wɔkan wɔn no ananmu de ayɛyɛde bae.+  Ayɛyɛde a wɔde baa Yehowa anim no yɛ nteaseɛnam asia a wɔakata so ne anantwi dumien; kyerɛ sɛ mpanyimfo baanu biara de teaseɛnam biako bae, na ɔpanyin biara de nantwi biako bae. Wɔde ne nyinaa baa ntamadan no anim.  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Gye nneɛma a wɔde aba no na wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no sɛnea obiara adwuma te.”  Enti Mose gyee nteaseɛnam ne anantwi no, na ɔde maa Lewifo no.  Sɛnea Gerson asefo adwuma te+ no, ɔmaa wɔn nteaseɛnam abien ne anantwi anan,  na Merari asefo nso wɔn adwuma+ nti, ɔmaa wɔn nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe. Ɔde ne nyinaa hyɛɛ ɔsɔfo Aaron ba Itamar nsa.+  Nanso Kohat asefo de, wamma wɔn bi, efisɛ na wɔbɛsoa kronkronbea hɔ nneɛma wɔ wɔn mmati so.+ 10  Mpanyimfo no de wɔn ayɛyɛde no bae da a wɔsraa afɔremuka no hyiraa so+ no, na wɔde nneɛma no baa afɔremuka no anim. 11  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wɔmfa wɔn ayɛyɛde no mmra mmiako mmiako, ɔpanyin biako de ba nnɛ a, na ɔpanyin biako de aba da foforo. Saa na wɔmfa mmra mma wonhyira afɔremuka no so.”+ 12  Nea ɔde ne nneɛma bae da a edi kan no ne Aminadab ba Naason+ a ofi Yuda abusuakuw mu no. 13  Ayɛyɛde a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 14  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã,+ 15  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 16  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 17  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+ Eyi ne nneɛma a Aminadab+ ba Naason de bae. 18  Da a ɛto so abien no Suar ba Netanel+ a ɔyɛ Isakar abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 19  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 20  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã, 21  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 22  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 23  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Suar ba Netanel de bae. 24  Da a ɛto so abiɛsa no Helon ba Eliab+ a ɔyɛ Sebulon abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 25  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre. 26  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã, 27  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 28  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 29  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Helon+ ba Eliab de bae. 30  Da a ɛto so anan no Sedeo ba Elisur+ a ɔyɛ Ruben abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 31  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 32  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã, 33  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 34  ne abirekyi ba a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 35  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Sedeo+ ba Elisur de bae. 36  Da a ɛto so anum no Surisadai ba Selumiel+ a ɔyɛ Simeon abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 37  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 38  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã, 39  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 40  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 41  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Surisadai+ ba Selumiel de bae. 42  Da a ɛto so asia no Deuel ba Eliasaf+ a ɔyɛ Gad abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 43  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 44  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã,+ 45  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 46  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 47  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Deuel+ ba Eliasaf de bae. 48  Da a ɛto so ason no Amihud ba Elisama+ a ɔyɛ Efraim abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 49  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 50  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã, 51  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 52  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 53  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Amihud+ ba Elisama de bae. 54  Da a ɛto so awotwe no Pedasur ba Gamaliel+ a ɔyɛ Manase abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 55  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 56  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã,+ 57  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 58  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 59  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Pedasur+ ba Gamaliel de bae. 60  Da a ɛto so akron no Gideoni ba Abidan+ a ɔyɛ Benyamin abusuapanyin+ no de n’ayɛyɛde bae. 61  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 62  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã, 63  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 64  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 65  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Gideoni+ ba Abidan de bae. 66  Da a ɛto so du no Amisadai ba Ahiesa+ a ɔyɛ Dan abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 67  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 68  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã, 69  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 70  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 71  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Amisadai+ ba Ahiesa de bae. 72  Da a ɛto so dubiako no Okran ba Pagiel+ a ɔyɛ Aser abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 73  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 74  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã,+ 75  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 76  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 77  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Okran+ ba Pagiel de bae. 78  Da a ɛto so dumien no Enan ba Ahira+ a ɔyɛ Naftali abusuapanyin no de n’ayɛyɛde bae. 79  Nneɛma a ɔde bae ne dwetɛ ayowa a emu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa ne dwetɛ yaawa a emu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mãmã sɛ aduan afɔre.+ 80  Nea ɛka ho bio ne sika kuruwa a emu duru yɛ nnwetɛbona du a aduhuam ahyɛ no mã,+ 81  afei nantwinini kumaa ne odwennini ne oguammaa nini a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ 82  ne abirekyi ba a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ 83  ne anantwi abien ne adwennini anum ne mpapo anum ne nguammaa anini anum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre. Eyi ne nneɛma a Enan+ ba Ahira de bae. 84  Da a wohyiraa afɔremuka no so+ sraa ho yɛɛ no kronkron no, nneɛma a Israel mpanyimfo+ de bae ni: dwetɛ nyowa dumien, dwetɛ nyaawa+ dumien, ne sika nkuruwa dumien. 85  Ayowa biara mu duru yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa, na yaawa biara mu duru yɛ nnwetɛbona aduɔson. Enti wɔka nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ nyinaa bom a emu duru yɛ nnwetɛbona mpem abien ahanan, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no.+ 86  Sika nkuruwa dumien+ a aduhuam ayɛ no mãmã no mu biara mu duru yɛ nnwetɛbona du, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no. Enti sika nkuruwa no nyinaa ano si nnwetɛbona ɔha aduonu. 87  Anantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre+ no nyinaa yɛ dumien, adwennini dumien, nguammaa anini dumien a wɔn mu biara adi afe, ne aduan+ ayɛyɛde, ne mmirekyi mma dumien a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre.+ 88  Na anantwi a wɔde bɛbɔ asomdwoe+ afɔre no nyinaa yɛ aduonu anan, adwennini aduosia, mpapo aduosia, nguammaa anini aduosia a wɔn mu biara adi afe. Wɔsraa afɔremuka+ no wiei no, nneɛma yi na wɔde bɔɔ afɔre hyiraa so.+ 89  Afei sɛ Mose kɔ ahyiae ntamadan no mu na ɔne Nyankopɔn rekasa+ a, na ɔte nne a ɛne no rekasa no fi adanse adaka mmuaso+ no so wɔ kerubim+ abien no ntam.

Ase Hɔ Nsɛm