Numeri 8:1-26

8  Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Sɛ wososɔ akanea no a, akanea ason no nhyerɛn kaneadua no anim.’”+  Na Aaron yɛɛ saa. Ɔsosɔɔ akanea no ma ɛhyerɛn kaneadua+ no anim, sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.  Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ kaneadua no. Wɔboroo sika kɔkɔɔ na ɛyɛe. Efi ne nkorata so kosi ne nhwiren so nyinaa yɛ sika a wɔaboro.+ Mose yɛɛ kaneadua no sɛnea anisoade+ a Yehowa yi kyerɛɛ no no te pɛpɛɛpɛ.  Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ:  “Yi Lewifo no fi Israelfo mu na tew wɔn ho.+  Nea wobɛyɛ de atew wɔn ho ni: Fa nsu a wɔde hohoro bɔne petepete wɔn so.+ Afei wɔmfa oyiwan nyi wɔn ho nhwi nyinaa+ na wɔnhoro wɔn ntade+ mma wɔn ho ntew.+  Wɔmfa nantwinini kumaa+ ne esiam muhumuhu a wɔde ngo afɔtɔw a wɔde bɛbɔ aduan afɔre,+ na gye nantwinini kumaa foforo a wode bɛbɔ bɔne ho afɔre.+  Fa Lewifo no kogyina ahyiae ntamadan no anim na ma Israel asafo nyinaa mmɔ gua.+ 10  Ma wonnyina Yehowa anim na Israelfo mfa wɔn nsa ngu+ Lewifo+ no so. 11  Afei Aaron mma Lewifo no nhim wɔn ho nkɔ benkum ne nifa sɛ ohim+ afɔre a Israelfo rebɔ wɔ Yehowa anim na wɔnsom Yehowa.+ 12  “Na Lewifo no mfa wɔn nsa ngu anantwinini no so.+ Afei fa biako bɔ bɔne ho afɔre na fa biako bɔ ɔhyew afɔre ma Yehowa fa pata+ ma Lewifo no. 13  Na ma Lewifo no nnyina Aaron ne ne mma no anim na wonhim wɔn ho nkɔ benkum ne nifa sɛ ohim afɔre mma Yehowa. 14  Tew Lewifo no fi Israelfo ho na Lewifo no mmɛyɛ me dea.+ 15  Ɛno akyi no, Lewifo no bɛsom wɔ ahyiae ntamadan no mu.+ Enti tew wɔn ho na him wɔn kɔ benkum ne nifa sɛ ohim afɔre.+ 16  Nea enti a ɛte saa ne sɛ wɔayi wɔn afi Israelfo mu+ sɛ wonsi Israelfo mmakan a wobue yafunu ano nyinaa ananmu,+ na mede wɔn bɛyɛ me dea, 17  efisɛ abakan biara a obue yafunu ano no yɛ me dea, nnipa ne mmoa nyinaa.+ Da a mikunkum Egyptfo mmakan+ no na mihyiraa wɔn so fae.+ 18  Mede Lewifo besi Israelfo mmakan nyinaa ananmu.+ 19  Na meyi Lewifo afi Israelfo mu de wɔn ama Aaron ne ne mma+ ma wɔasom wɔ ahyiae ntamadan+ no mu ama Israelfo. Na wɔbɛpata ama Israelfo no na Israelfo no ammɛn kronkronbea hɔ amma asiane biara anto wɔn.”+ 20  Na Mose ne Aaron ne Israel asafo nyinaa yɛɛ biribiara a Yehowa hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifo no; saa ara na Israelfo no yɛe. 21  Enti Lewifo no dwiraa wɔn+ ho horoo wɔn ntade. Na Aaron him wɔn kɔɔ benkum ne nifa sɛ ohim afɔre wɔ Yehowa anim.+ Afei Aaron bɔɔ mpata afɔre de tew wɔn ho.+ 22  Ɛno akyi no, Lewifo no somee wɔ ahyiae ntamadan no mu wɔ Aaron ne ne mma anim.+ Sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ Lewifo no, saa ara na wɔyɛe. 23  Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 24  “Lewifo ho mmara ni: Sɛ wɔn mu bi nya di mfe aduonu anum rekɔ a, ɔbɛba abɛyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu. 25  Nanso sɛ odi mfe aduonum a ɔrenyɛ adwuma bio. 26  Mmom ɔmmoa ne nuanom a wɔreyɛ adwuma wɔ ahyiae ntamadan no mu no, na ɔrenyɛ adwuma biara. Eyi na monyɛ mma Lewifo no mfa nni wɔn asɛde ho dwuma.”+

Ase Hɔ Nsɛm