Numeri 9:1-23

9  Bere a Israelfo fii Egypt no akyi afe a ɛto so abien, ɔsram a edi kan+ no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so sɛ:  “Sɛ bere sõ+ a, Israelfo nsiesie twam+ afɔre no.  Ɔsram yi da a ɛto so dunan anwummere+ na munsiesie. Monyɛ no sɛnea ɛho mmara ne ɛho nhyehyɛe te.”+  Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonsiesie twam afɔre no.  Enti ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan anwummere no, wosiesiee twam afɔre no wɔ Sinai sare so. Nea Yehowa hyɛɛ Mose no pɛpɛɛpɛ na Israelfo no yɛe.+  Nanso na nnipa bi de efunu* agu wɔn ho fĩ,+ enti wɔantumi ansiesie twam afɔre no saa da no. Na da no ara wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn.+  Afei wobisaa wɔn sɛ: “Efunu* agu yɛn ho fĩ de, nanso sɛ bere sõ sɛ Israelfo de ayɛyɛde brɛ Yehowa a, dɛn nti na yenni hokwan sɛ yɛyɛ saa?”+  Ɛnna Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montwɛn na mintie nea Yehowa bɛka wɔ asɛm no ho.”+  Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10  “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ ɛba sɛ efunu* ma mo mu bi anaa mo nkyirimma bi ho gu fĩ+ anaa sɛ otu kwan a, ɛsɛ sɛ ɔno nso siesie twam afɔrebɔde no ma Yehowa. 11  Ɔsram a ɛto so abien+ no da a ɛto so dunan anwummere na wonsiesie. Wɔmfa paanoo a mmɔkaw nnim ne ɛfan nwenenwene nka ho nni.+ 12  Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so,+ na wommmu dompe biara mu.+ Wɔnyɛ no sɛnea twam no ho mmara nyinaa te.+ 13  Na sɛ obi ho tew na ontuu kwan nanso obu n’ani gu twam afɔre no so a, wontwa saa ɔkra no mfi ne man mu.+ Saa onipa no bɛsoa ne bɔne,+ efisɛ wamfa Yehowa afɔrebɔde ammrɛ no ne bere mu. 14  “‘Sɛ ɔhɔho bi te mo mu a, ɔno nso nsiesie twam afɔre no mma Yehowa.+ Ɔnyɛ no sɛnea twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛe te.+ Mmara koro no ara na ɛwɔ hɔ ma ɔhɔho ne kuromanni nyinaa.’”+ 15  Da a wosii ntamadan+ no, omununkum bɛkataa Adanse ntamadan+ kronkron no so. Na anwummere no biribi a ɛte sɛ ogya+ bɛkataa ntamadan no so ma ade kyee. 16  Saa na ɛkɔɔ so daa: Sɛ edu anɔpa a na omununkum abɛkata so, na sɛ edu anadwo a na biribi te sɛ ogya abɛkata so.+ 17  Sɛ omununkum no fi ntamadan no so pɛ, na Israelfo no atu,+ na faako a omununkum no begyina no, ɛhɔ na Israelfo no bɛsoɛ.+ 18  Sɛ Yehowa ka sɛ Israelfo no ntu a, na wɔatu, na sɛ wodu baabi na Yehowa ka sɛ wɔntena hɔ a, na wɔatena.+ Nna dodow a omununkum no bedi wɔ ntamadan no so no, saa bere no na wɔde bɛtena hɔ. 19  Sɛ Israelfo no du baabi na omununkum no kyɛ wɔ ntamadan no so mpo a, wɔyɛ osetie ma Yehowa na wontu mfi hɔ.+ 20  Ɛtɔ da bi a na omununkum no di nna kakraa bi wɔ ntamadan no so. Ne nyinaa mu no, sɛ Yehowa ka sɛ+ wɔntena a, na wɔatena, na Yehowa ka sɛ wontu a, na wɔatu. 21  Ɛtɔ da bi a, omununkum no kata so fi anwummere kosi anɔpa, na sɛ edu anɔpa na omununkum+ no fi so a, na wɔatu. Sɛ anɔpa na ebefi so oo, sɛ anadwo oo, wotu saa bere no.+ 22  Enti sɛ omununkum no di nnanu anaa ɔsram anaa nea ɛboro saa wɔ ntamadan no so a, Israelfo no tena hɔ a wontu, na sɛ efi so a, wotu fi hɔ.+ 23  Sɛ Yehowa ka sɛ wɔnsoɛ baabi a, na wɔasoɛ, na Yehowa ka sɛ wontu a, na wɔatu. Wɔyɛɛ osetie+ maa Yehowa, na wɔyɛɛ nea Yehowa nam Mose so hyɛe nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “ɔkra a wawu.”
Hwɛ 9:6 ase hɔ asɛm.
Hwɛ 9:6 ase hɔ asɛm.