Sakaria 1:1-21

1  Dario+ afe a ɛto so abien, ɔsram a ɛto so awotwe no, Yehowa ka kyerɛɛ Ido+ ba Berekia ba odiyifo Sakaria+ sɛ:  “Yehowa ani beree mo agyanom so denneennen.+  “Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “‘Monsan mmra me nkyɛn,’+ asafo Yehowa asɛm ni, ‘na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,’+ asafo Yehowa na waka.”’  “‘Monnyɛ sɛ mo agyanom;+ wɔn na tete adiyifo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mesrɛ mo, monsan mfi mo kwammɔne ne mo nneyɛe bɔne ho mmra.’”’+ “‘Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso amma me,’ Yehowa asɛm ni.+  “‘Mo agyanom wɔ he?+ Na adiyifo+ no nso tenaa ase daa anaa?  Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mede maa me nkoa adiyifo+ no amma mu wɔ mo agyanom so anaa?’+ Enti wɔsan bae na wɔkae sɛ: ‘Nea Yehowa susuw sɛ ɔde bɛyɛ yɛn,+ sɛnea yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, ɛno ara na ɔde ayɛ yɛn yi.’”+  Dario+ afe a ɛto so abien, ɔsram a ɛto so dubiako a wɔfrɛ no Sebat no da a ɛto so aduonu anan no, Yehowa ne Ido+ ba Berekia ba odiyifo Sakaria+ kasae:  “Anadwo no mihui sɛ ɔbarima bi+ te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ+ so gyina ohuannua+ no ntam wɔ bon mu. Ná apɔnkɔ akɔkɔɔ, wɔn a wɔn ho gonn, ne wɔn a wɔn ho fitaa gyinagyina n’akyi.”+  Na mibisae sɛ: “Me wura, eyinom nso ɛ?”+ Ɛnna ɔbɔfo a ɔne me rekasa no ka kyerɛɛ me sɛ:+ “Mɛkyerɛ wo baabi a eyinom fi.” 10  Afei ɔbarima a ogyina ohuannua no ntam no buae sɛ: “Eyinom na Yehowa asoma wɔn sɛ wommekyinkyin asase no so.”+ 11  Na wobuaa Yehowa bɔfo a na ogyina ohuannua no ntam no sɛ: “Yɛakyinkyin asase no so,+ na yɛahu sɛ asase no nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.”+ 12  Enti Yehowa bɔfo no buae sɛ: “O asafo Yehowa, da bɛn koraa na wubehu Yerusalem ne Yuda+ nkurow a wo bo afuw wɔn mfe aduɔson yi mmɔbɔ?”+ 13  Ɛnna Yehowa de anigyesɛm ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no.+ 14  Na ɔbɔfo a ɔne me kasae no ka kyerɛɛ me sɛ: “Teɛm sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Mede anibere kɛse atwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu.+ 15  M’ani abere aman a wɔn ho adwo wɔn no so denneennen,+ efisɛ me de, m’ani beree kakraa bi,+ nanso wɔn de, wɔma ewiee bɔne.”’+ 16  “Eyi nti nea Yehowa aka ni, ‘“Mede ayamhyehye bɛsan akɔ Yerusalem.+ Na wobesi me fie wɔ hɔ.+ Na wɔbɛtwe hama mu asusuw Yerusalem.”+ Asafo Yehowa asɛm ni.’ 17  “Teɛm bio na ka sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Nnepa bɛsan abu so wɔ me nkurow no mu;+ na Sion asɛm bɛyɛ Yehowa yaw+ na ɔbɛsan apaw Yerusalem.”’”+ 18  Afei memaa m’ani so hwɛe, na mihuu mmɛn anan.+ 19  Ɛnna mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: “Eyinom yɛ dɛn?” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda+ ne Israel+ ne Yerusalem+ hwetee no.” 20  Afei Yehowa kyerɛɛ me adwumfo baanan. 21  Na mibisae sɛ: “Dɛn na eyinom rebɛyɛ?” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyinom ne mmɛn+ a ɛbɔɔ Yuda hwetee a obiara antumi amma ne ti so no; na eyinom nso bɛma wɔn ho awosow na wɔatutu aman no mmɛn​—aman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase ma wɔbɔ hwetee no.”+

Ase Hɔ Nsɛm